Mmebusɛm 11:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame adeɛ, nanso hia ara na ɛhia no.+ Mmebusɛm 19:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ɔdom ɔbrɛfoɔ no de fɛm Yehowa,+ na deɛ ɔde ama no, Ɔbɛtua no ka.+ Luka 6:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforɔ bosea+ a mo ani nna so sɛ mobɛnya biribi akyire yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ ɛfiri sɛ ne yam yɛ+ ma bonniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.