Deuteronomium 15:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Enti pɛ biribi ma no;+ mmɔ no ayamuɔnwono na Yehowa wo Nyankopɔn ahwɛ so ahyira biribiara a woyɛ so, deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara.+ Dwom 41:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 41 Anigyeɛ ne deɛ ɔhu ɔbrɛfoɔ mmɔbɔ;+Yehowa bɛgye no ahohia da mu.+ Malaki 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.
10 Enti pɛ biribi ma no;+ mmɔ no ayamuɔnwono na Yehowa wo Nyankopɔn ahwɛ so ahyira biribiara a woyɛ so, deɛ wo nsa bɛsɔ mu biara.+
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.