Atemmufoɔ 1:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 1 Yosua wuo+ akyi no, Israelfoɔ bisaa+ Yehowa sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔbɛdi kan ne Kanaanfoɔ akɔko?” Atemmufoɔ 20:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na Israelfoɔ siim foro kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn+ sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔnni kan ne Benyaminfoɔ nkɔko?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Yuda nni kan.”+ 1 Samuel 14:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Mommɔ me ne me ba Yonatan so ntonto.”+ Na ɛbɔɔ Yonatan. Nehemia 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kuro kronkron+ no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu. Mmebusɛm 16:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Onipa srɛ so na wɔtwe ntonto,+ nanso deɛ ɛfiri mu ba biara firi Yehowa.+ Asomafoɔ Nnwuma 1:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Enti, wɔbɔɔ wɔn so ntonto,+ na ntonto no sii Matia so; na wɔkan no kaa asomafoɔ dubaako+ no ho.
18 Na Israelfoɔ siim foro kɔɔ Betel kɔbisaa Onyankopɔn+ sɛ: “Yɛn mu hwan na ɔnni kan ne Benyaminfoɔ nkɔko?”+ Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Yuda nni kan.”+
11 Ɔman no mu mmapɔmma+ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔnkɔtena Yerusalem, kuro kronkron+ no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu.