Yosua 18:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asase no abɛdi wɔn nsam.+ 1 Samuel 4:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Berɛ a ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Adɛn nti na Yehowa ama yɛadi nkoguo Filistifoɔ anim+ nnɛ yi? Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka+ no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.”
18 Afei Israel asafo no nyinaa kɔhyiaa Silo,+ na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ,+ ɛfiri sɛ afei deɛ, na asase no abɛdi wɔn nsam.+
3 Berɛ a ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanimfoɔ no kaa sɛ: “Adɛn nti na Yehowa ama yɛadi nkoguo Filistifoɔ anim+ nnɛ yi? Momma yɛnkɔfa Yehowa apam adaka+ no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfo nsam.”