Deuteronomium 7:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Sɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+ Yosua 10:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsase prɛko,+ ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ Nehemia 9:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Enti wɔn mma+ bɛfaa asase no,+ na womaa wɔdii+ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ+ so, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, wɔn ahemfo+ ne asase no sofoɔ,+ na wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.+ Dwom 44:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Wo na wode wo nsa pamoo amanaman,+Na wɔn deɛ, wode wɔn duaa hɔ.+Wobubuu amanaman, na wopamoo wɔn.+ Dwom 78:55 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 55 Wɔn nti, ɔde nkakrankakra pamoo amanaman,+Na ɔde susuhoma kyekyɛɛ agyapadeɛ maa wɔn,+Na ɔmaa Israel mmusuakuo no tenatenaa wɔn afie mu.+
2 Nanso Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa na woadi wɔn so nkonim.+ Sɛe wɔn pasaa.+ Wo ne wɔn nnyɛ apam biara, na nhu wɔn mmɔbɔ.+
24 Enti wɔn mma+ bɛfaa asase no,+ na womaa wɔdii+ asase no sofoɔ, Kanaanfoɔ+ so, na wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa, wɔn ahemfo+ ne asase no sofoɔ,+ na wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.+
55 Wɔn nti, ɔde nkakrankakra pamoo amanaman,+Na ɔde susuhoma kyekyɛɛ agyapadeɛ maa wɔn,+Na ɔmaa Israel mmusuakuo no tenatenaa wɔn afie mu.+