Genesis 24:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yie,+ ɔbaabunu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina no mu baeɛ. Genesis 30:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔnyinsɛneeɛ na ɔwoo ɔbabarima. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn ayi m’ahohora!”+ Rut 4:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na mmaa no ka kyerɛɛ+ Naomi sɛ: “Nhyira nka Yehowa+ a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ no; ma wɔmmɔ ne din wɔ Israel. 1 Samuel 1:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Ne kora no nso yii no ahi+ sɛ ɔde bɛhuru ne bo, ɛfiri sɛ Yehowa ato ne yafunu mu.
16 Ná ababaa no ho yɛ fɛ yie,+ ɔbaabunu a ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da;+ na ɔkɔɔ asubura no ho kɔsaa nsuo guu n’ahina no mu baeɛ.
14 Na mmaa no ka kyerɛɛ+ Naomi sɛ: “Nhyira nka Yehowa+ a wamma ɔgyefoɔ ammɔ wo nnɛ no; ma wɔmmɔ ne din wɔ Israel.