48 Na atamfo a Yehowa bɛsoma wɔn aba wo soɔ no, wode ɛkɔm+ ne sukɔm ne adagya ne ohia bɛsom wɔn,+ na ɔde dadeɛ kɔndua bɛto wo kɔn so akɔsi sɛ ɔbɛtɔre w’ase koraa.+
11 Enti Yudafoɔ mmarima mpem mmiɛnsa siim kɔɔ Etam+ botan tokuro no mu, na wɔkɔbisaa Samson sɛ: “Wonnim sɛ Filistifoɔ na wɔdi yɛn soɔ?+ Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi?” Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛdeɛ wɔyɛɛ me no, saa ara na mayɛ wɔn.”+