Genesis 23:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kanaan asase so,+ na Abraham baa ɛdan no mu bɛgyam Sara na ɔsuu no. Yosua 15:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+ Yosua 21:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Enti wɔde Kiriat-Arba+ (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya),+ anaa Hebron,+ a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ+ no ne ɛho mfikyisase nyinaa maa wɔn. Atemmufoɔ 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Afei Yudafoɔ no kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron+ no so. (Berɛ bi na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)+ Na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+
2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-Arba,+ anaa Hebron,+ wɔ Kanaan asase so,+ na Abraham baa ɛdan no mu bɛgyam Sara na ɔsuu no.
13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+
11 Enti wɔde Kiriat-Arba+ (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya),+ anaa Hebron,+ a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ+ no ne ɛho mfikyisase nyinaa maa wɔn.
10 Afei Yudafoɔ no kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron+ no so. (Berɛ bi na wɔfrɛ Hebron sɛ Kiriat-Arba.)+ Na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.+