2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere nso din de Naomi, na ne mma mmienu no din de Malon ne Kilion. Ná wɔyɛ Efratafoɔ+ a wɔfiri Betlehem a ɛwɔ Yuda. Berɛ a wɔkɔduruu Moab asase soɔ no, wɔtenaa hɔ.
16Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Wobɛdi Saul ho awerɛhoɔ akɔsi da bɛn,+ berɛ a mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene no?+ Fa ngo+ gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese+ nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene.”+
2 “Na wo, Betlehem Efrata,+ wo a wosua koraa sɛ wɔbɛkan wo afra Yuda mpempem mu,+ wo mu+ na mɛma obi afiri abɛyɛ Israel sodifoɔ.+ Ɔno na n’ase firi tete a ɛnni ano.+