14 Nanso seesei deɛ, w’ahennie renkyɛre.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a n’akoma da ne soɔ,+ na Yehowa de no bɛsi ne man so panin,+ ɛfiri sɛ woanyɛ deɛ Yehowa hyɛɛ woɔ no.”+
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so ɛfiri saa da no rekorɔ.+ Akyire yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+