32 Ɛnna Yeroboam hyɛɛ fã bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so dunum no te sɛ fã a wɔhyɛ no Yuda+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɔsii no Betel no so ama anantwie mma a ɔyɛeɛ no; ɔmaa asɔfoɔ a ɔde wɔn sisii hɔ wɔ Betel+ no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no anim.
10 yei nti mede mmusuo reba Yeroboam fie so, na mɛtwa Yeroboam fie barima+ biara atwene, Israel nipahunu a ɔnni ɔboafoɔ+ mpo; mɛpra Yeroboam fie nyinaa akɔ+ sɛdeɛ obi pra nantwibini kɔto guo no.+
14 Lewifoɔ no gyaa wɔn mfikyisase+ ne wɔn agyapadeɛ,+ na wɔbaa Yuda ne Yerusalem+ ɛfiri sɛ na Yeroboam+ ne ne mma apamo wɔn+ sɛ wɔnnni Yehowa asɔfoɔ bio.
3 Abia de asraafoɔdɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔɔ ɛko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da ayi wɔn+ kɔhyiaa no.