2 Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ a Israelni biara nni hɔ a ɔsene no ahoɔfɛ mu; ɛfiri ne mmatiri rekɔ no, na ɔware sene obiara, ɔman no mu.+
11 Na ɛbaa sɛ wɔn a wɔni no kane no hunuu no no, hwɛ, na ɔne adiyifoɔ no rehyɛ nkɔm. Enti nkurɔfoɔ bisabisaa sɛ: “Ɛdeɛn na ayɛ Kis ba yi? Saul nso ka adiyifoɔ no ho anaa?”+
47 Na Saul hyɛɛ n’ahennie mu den Israel so,+ na ɔne n’atamfo nyinaa ko hyiaeɛ—Moabfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifoɔ.+ Baabiara a ɔkɔeɛ nso, ɔtwee wɔn aso.+
23 na atuateɛ+ ne abosonkɔm+ nyinaa yɛ bɔne korɔ, na aniammɔnho ne asumansɛm ne terafim+ ahonisom nyinaa yɛ adekorɔ. Ɛsiane sɛ woapo Yehowa asɛm+ nti, ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+