13 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Woadi nkwaseasɛm.+ Woanni Yehowa, wo Nyankopɔn mmara nsɛm+ a ɔhyɛɛ woɔ+ no so; sɛ wodii so a, anka Yehowa bɛma w’ahennie atim Israel so afebɔɔ.
23 Enti sɛ ɛba sɛ Onyankopɔn ma honhom no ba Saul so a, na Dawid afa sankuo no de ne nsa abɔ, na Saul ho atɔ no ama n’asom adwo no, na honhom bɔne no afiri ne so.+
7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfobaa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfobaa bi wɔ En-Dor.”+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ deɛ ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Twe wo nkrantɛ+ fa hwire me mu na momonotofoɔ+ yi ammɛhwire me mu anyɛ me aninyanneɛ.” Nanso n’akodeɛkurafoɔ no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka no. Enti Saul faa nkrantɛ no na ɔhwee so.+