1 Ahemfo 3:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abuo+ no, na wɔsuroo ɔhene+ ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Onyankopɔn nyansa+ wɔ ne mu a ɔde bu atɛn. Dwom 72:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ma no nni ɔman no mu mmɔborɔni asɛm mma no,+Ma no nnye ohiani mma,Na ɔmmubu osisifoɔ pasaa. Mmebusɛm 16:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Amumuyɔsɛm ne ahemfo akyiwadeɛ,+ na tenenee mu na ahennwa tim.+
28 Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene abuo+ no, na wɔsuroo ɔhene+ ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Onyankopɔn nyansa+ wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.