Dwom 9:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Nnebɔneyɛfoɔ+ bɛsan akɔ Adamena* mu,+Aman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn no nyinaa.+ Dwom 73:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ampa deɛ ɛhɔ yɛ toro na wode wɔn agyina.+Woama wɔahwehwe ase asɛe pasaa.+ Mmebusɛm 10:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɔteneneeni nkaeɛ bɛyɛ nhyira,+ na abɔnefoɔ din deɛ, ɛbɛporɔ.+ Yesaia 3:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔbɔnefoɔ nnue! Mmusuo di n’akyi; na deɛ ɔyɛeɛ no ara bi na wɔde bɛyɛ no!+