Mmebusɛm 9:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Yehowa suro ne nyansa mfitiaseɛ,+ na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nteaseɛ.+ Ɔsɛnkafoɔ 7:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfasoɔ ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+ Ɔsɛnkafoɔ 8:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?+ Na hwan na ɔnim biribi ase kyerɛ?+ Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim a amuna no dane animteɛ.+ Kolosefoɔ 2:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ne mu na wɔakora ademudeɛ nyinaa, nyansa deɛ ne nimdeɛ deɛ.+
12 Nyansa bɔ onipa ho ban+ sɛdeɛ sika nso bɔ onipa ho ban no;+ nanso nimdeɛ so mfasoɔ ne sɛ ɛne nyansa kora ne wuranom nkwa so.+
8 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?+ Na hwan na ɔnim biribi ase kyerɛ?+ Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim a amuna no dane animteɛ.+