Dwom 51:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 O Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me,+Na fa honhom foforɔ a aseɛ atim hyɛ me mu.+ Mmebusɛm 16:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Dane wo nnwuma gu Yehowa so,+ na wo nhyehyɛeɛ bɛtim.+ Mmebusɛm 20:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Ɔbarima anammɔntutuo firi Yehowa.+ Ɔdasani deɛ, ɔbɛyɛ dɛn ahunu ne kwan mu?+ Yeremia 10:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 O Yehowa, menim sɛ ɔdasani kwan nni ne nsam. Ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.+