Exodus 15:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Anyame mu hwan na ɔte sɛ woɔ, O Yehowa?+Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ.+ Esra 9:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene,+ ɛfiri sɛ yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodie+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+ Dwom 145:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Wɔbɛka wo papayɛ bebrebe no ho nsɛm pii,+Na wo tenenee nti wɔbɛto ahurisi dwom.+ Adiyisɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+ Adiyisɛm 19:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+
11 Anyame mu hwan na ɔte sɛ woɔ, O Yehowa?+Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu otumfoɔ?+Deɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro+ no na wɔde nnwom yi no ayɛ,+ deɛ ɔyɛ anwanwadeɛ.+
15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene,+ ɛfiri sɛ yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodie+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+
3 Na wɔreto Onyankopɔn akoa Mose dwom+ ne Adwammaa no dwom+ sɛ: “Yehowa Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.+ Mmerɛsanten Hene,+ w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.+
2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+