Deuteronomium 16:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini ne ɔhɔhoɔ, agyanka ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no. Dwom 42:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Mekae saa nneɛma yi, na awerɛhoɔ hyɛ m’akoma ma.*+Ɛfiri sɛ me ne asafokuo no boom,Medii wɔn anim ne wɔn nantee komm kɔɔ Onyankopɔn fie,+Yɛde ahurisi dwom ne aseda nne kɔɔ+Sɛ nnipakuo a wɔrehyɛ fã.+ Dwom 81:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mommɔ dwom+ na monwoso mpintin,+Na mommɔ sankuo ne sankuten dɛdɛ.+ Mateo 26:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Afei wɔtoo ayeyi dwom wieeɛ no,+ wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.+
14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini ne ɔhɔhoɔ, agyanka ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no.
4 Mekae saa nneɛma yi, na awerɛhoɔ hyɛ m’akoma ma.*+Ɛfiri sɛ me ne asafokuo no boom,Medii wɔn anim ne wɔn nantee komm kɔɔ Onyankopɔn fie,+Yɛde ahurisi dwom ne aseda nne kɔɔ+Sɛ nnipakuo a wɔrehyɛ fã.+