Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 23:40
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 40 Da a ɛdi kan no, mompɛ nnua fɛfɛ so aba ne ɛberɛ+ ne dua mman a ahahan wɔ so kusuu ne nsuano nnua, na monni ahurisie+ Yehowa mo Nyankopɔn anim nnanson.

  • Deuteronomium 12:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Afei momma mo ani nnye Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, ɛfiri sɛ wannya mo agyapadeɛ no bi.+

  • Deuteronomium 26:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Na wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ woɔ ani nnye+ sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefoɔ nnepa yi nyinaa.+

  • Nehemia 8:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi sradeduane na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnsiesiee hwee mmaa wɔn, ɛfiri sɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”

  • Nehemia 8:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Enti wɔn a wɔfiri nkoasom mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu; ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israel mma nyɛɛ saa da, enti wɔdii ahurisie kɛse.+

  • Ɔsɛnkafoɔ 5:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Hwɛ! adeɛ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛyɛ fɛ onipa nkwa nna dodoɔ a nokorɛ Nyankopɔn de ama no mu ne sɛ ɔbɛdidie, na wanom, na wahunu adepa, ne brɛ a ɔbrɛ owia ase nyinaa mu;+ yei ne ne kyɛfa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane