53 Na wo tamfo bɛma wo ho akyere wo dendeenden ama worennya wo ho atwayɛ. Enti wobɛdi wo yafunu mu aba, wo mma mmarima ne wo mma mmaa+ a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no nam.
24 Hwɛ! Mmarima bɛba abɛto kuro no ho pampa+ sɛ wɔrebɛko afa.+ Wɔde kuro no bɛhyɛ Kaldeafoɔ a wɔne no redi ako+ no nsa, nkrantɛ+ ne ɛkɔm+ ne owuyareɛ+ no nti. Deɛ wokaeɛ no aba mu ama w’ani ahunu.+