26 “Nanso, wɔyɛɛ asoɔden+ na wɔtee w’anim atua,+ na wo mmara nso wɔto twenee wɔn akyi,+ na w’adiyifoɔ a wɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra wo nkyɛn no,+ wɔkunkum wɔn,+ na wɔbuu wo animtia kɛse.+
3 Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, meresoma wo akɔ Israelfoɔ nkyɛn,+ aman atuatefoɔ a wɔasɔre atia me no.+ Wɔne wɔn agyanom ayɛ me bɔne de abɛsi nnɛ da yi.+
21 “‘“Na wɔn mma no nso tee me so atua.+ Wɔannante m’ahyɛdeɛ mu na wɔanni m’atemmusɛm a sɛ onipa di so a, ɔnya nkwa+ no so. Wɔguu me homeda ho fĩ.+ Enti mekaa sɛ mɛhwie m’abufuo agu wɔn so, na mede m’anibereɛ awie wɔn so wɔ serɛ so.+