1 Ahemfo 9:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na fie yi bɛdane amamfõ,+ na obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne efie yi sei?’+ Dwom 107:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Ɔma asase pa dane nkyene kuro,+Wɔn a wɔtete hɔ no bɔne nti. Yeremia 25:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+ Kwadwom 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:“Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+ Hesekiel 11:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 “‘“Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn abofonodeɛ akyi no deɛ,+ mɛma wɔn akwan adane aba wɔn tiri so,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”+ Hesekiel 33:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Sɛ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asase no pasaa+ ma no dane amamfõ a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.”’
8 Na fie yi bɛdane amamfõ,+ na obiara a ɔtwam no de ahodwirie+ bɛhwɛ na wabɔ hwerɛma aka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa yɛɛ asase ne efie yi sei?’+
11 Na asase yi nyinaa bɛdane amamfõ ne ahodwirideɛ, na aman yi bɛsom Babilon hene mfirinhyia aduɔson.”’+
15 Wɔn a wɔtwam kwan so nyinaa bobɔ wɔn nsam+ gu wo so.Wɔabɔ hwerɛma+ awoso wɔn ti+ agu Yerusalem babaa so sɛ:“Kuro a anka wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asase nyinaa anika’ no nie?”+
21 “‘“Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn abofonodeɛ akyi no deɛ,+ mɛma wɔn akwan adane aba wɔn tiri so,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.’”+
29 Sɛ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa nti,+ mesɛe asase no pasaa+ ma no dane amamfõ a, wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.”’