17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+
11 Sɛ ne nnuban no wo a, mmaa bɛbubu mmabaa no akɔsɔ gya.+ Wɔyɛ ɔman a wɔn adwenem nnɔ.+ Ɛno nti wɔn Yɛfoɔ no yam renhyehye no mma wɔn, na wɔn Nwemfoɔ no renhu wɔn mmɔbɔ.+
10 Ansa na saa berɛ no reba no, na akatua biara nni hɔ mma adasamma,+ na na akatua biara nni hɔ mma mmoa nso; na ɔtamfo nti, na deɛ ɔrekɔ ne deɛ ɔreba nni asomdwoeɛ,+ na memaa nnipa nyinaa ne wɔn ho dii asie.’+