Hiob 34:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛfiri sɛ n’ani tua onipa akwan,+Na n’anammɔn nyinaa ɔhunu. Dwom 90:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Wode yɛn mfomsoɔ asi w’anim,+Na wode yɛn sum ase nneyɛɛ aba w’anim hann mu.+ Mmebusɛm 5:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ Mmebusɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa ani wɔ baabiara;+ ɛhwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ+ nyinaa. Yeremia 32:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Wo na wosõ, afotuo+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ so aba teɛ.+ Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+
19 Wo na wosõ, afotuo+ ne nnwuma+ mu, na w’ani abue hwɛ nnipa mma+ akwan nyinaa sɛ wobɛtua obiara ka sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ so aba teɛ.+
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adi n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee, deɛ yɛne no wɔ akontabuo no anim.+