Hiob 30:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Mesu frɛ wo sɛ boa me, nanso wonnye me so;+Masɔre agyina hɔ sɛ tie me. Dwom 22:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O me Nyankopɔn, mefrɛ wo adekyeeɛ, nanso wommua me;+Na ɛduru anadwo nso a, menka m’ano ntom.+ Dwom 80:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 O asafo Yehowa Nyankopɔn, wo man mpaebɔ bɛyɛ wo abufu akɔsi da bɛn?+ Dwom 102:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Mfa w’anim nhunta me m’ahohia da.+Yɛ aso ma me;+Da a mɛfrɛ woɔ no, yɛ ntɛm gye me so.+ Mmebusɛm 15:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yehowa ne amumuyɔfoɔ ntam kwan ware,+ na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.+ Yesaia 1:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ Mika 3:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Saa berɛ no wɔbɛsu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn.+ Ɔde n’anim bɛhunta wɔn saa berɛ no,+ wɔn nneyɛɛ bɔne nti.+
15 Sɛ motrɛ mo nsam a,+ meyi m’ani hunta mo.+ Mo mpaeɛ dodoɔ+ no nyinaa mentie,+ ɛfiri sɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+
4 Saa berɛ no wɔbɛsu afrɛ Yehowa nanso ɔremmua wɔn.+ Ɔde n’anim bɛhunta wɔn saa berɛ no,+ wɔn nneyɛɛ bɔne nti.+