Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Dwom 77:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Yehowa bɛkɔ so ato yɛn atwene daa?+

      Na n’ani rennye yɛn ho bio anaa?+

  • Dwom 94:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Yehowa rempo ne man,+

      Na ɔrennya n’agyapadeɛ,+

  • Yeremia 3:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Kɔ na kɔka asɛm yi kyerɛ atifi+ famfoɔ sɛ:

      “‘“San bra, O ɔkobɔfoɔ Israel,” Yehowa asɛm nie.’+ ‘“Meremmuna m’anim nkyerɛ mo bio,+ ɛfiri sɛ meyɛ ɔnokwafoɔ,”+ Yehowa asɛm nie.’ ‘“Meremfa nhyɛ me mu nkɔsi daa.+

  • Yeremia 31:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sɛ obi bɛtumi asusu ɔsoro, na wahwehwɛ asase fapem mu a,+ ɛnneɛ me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ nyinaa nti,’+ Yehowa asɛm nie.”

  • Yeremia 32:40
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 40 Me ne wɔn bɛyɛ daa apam,+ na merennane mfiri wɔn akyi, na mɛyɛ wɔn yie;+ mede me ho suro bɛhyɛ wɔn akoma mu na wɔannane amfiri m’akyi.+

  • Mika 7:18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Hwan ne Onyankopɔn te sɛ wo,+ deɛ ɔde mfomsoɔ firie+ na ɔyi n’ani firi n’agyapadeɛ nkaeɛ mmarato soɔ?+ Ɔrenkura n’abufuo mu daa, ɛfiri sɛ ɔpɛ adɔeɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane