Exodus 40:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Na mununkum+ bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no so, na Yehowa animuonyam bɛhyɛɛ ntomadan no mu mã. 1 Ahemfo 8:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Na ɛbaa sɛ berɛ a asɔfoɔ no firii adi firii kronkronbea hɔ no, mununkum+ bɛhyɛɛ Yehowa fie no mã. 2 Berɛsosɛm 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom,+ ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam+ hyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn fie no mã. Yesaia 6:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Baako ka kyerɛ baako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.” Hesekiel 44:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Afei ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no mu baa Efie no anim sɛ memmɛhwɛ, na mehunuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ Yehowa fie hɔ mã.+ Na mede m’anim butuu fam.+
14 Mununkum no nti, asɔfoɔ no antumi annyina hɔ ansom,+ ɛfiri sɛ Yehowa animuonyam+ hyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn fie no mã.
3 Baako ka kyerɛ baako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa so mã.”
4 Afei ɔde me faa ponkɛseɛ a ɛwɔ atifi fam no mu baa Efie no anim sɛ memmɛhwɛ, na mehunuu sɛ Yehowa animuonyam ahyɛ Yehowa fie hɔ mã.+ Na mede m’anim butuu fam.+