29 Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+
6 Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafoɔ nkuro mu.+
11 Ɛno akyi no, Asiria hene+ de Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor+ wɔ asubɔnten Gosan ho ne Mediafoɔ nkuro mu,+
17 “Israel yɛ odwan a wayera.+ Agyata na wɔapamo no.+ Deɛ ɛdi kan, Asiria hene tetee ne mu,+ na akyire yi, Babilon hene Nebukadresar bobɔɔ ne nnompe mu.+