Yesaia 34:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wisie bɛkɔ soro daa.+ Kuro no bɛwo ayɛ kesee wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+ Yeremia 49:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Enti afei, montie deɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ Edom+ ne deɛ wasusu sɛ ɔbɛyɛ Temanfoɔ:+ Ampa, wɔbɛtwe nnwammaa no ase. Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adane amamfõ.+ Hesekiel 25:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom+ so na matwa nnipa ne nyɛmmoa+ afiri asase no so, na ɛfiri Teman+ kɔsi Dedan+ nyinaa, mɛma no adane amamfõ. Nkrantɛ ano na wɔbɛwuwuo. Hesekiel 35:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Seir bepɔ,+ me ne wo wɔ asɛm, na mɛtene me nsa wɔ wo so+ na mama woasɛe pasaa adane amamfõ.+ Yoel 3:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Egypt deɛ, ɛbɛdane amamfõ,+ na Edom nso adane serɛ pradaa,+ ɛfiri sɛ wɔde atirimuɔdensɛm dii Yuda mma, na wɔhwiee mogya a ɛdi bem guu wɔn asase so.+ Obadia 10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Atirimuɔdensɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+ w’anim bɛgu ase,+ na wɔbɛtwa wo afiri hɔ koraa.+
10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wisie bɛkɔ soro daa.+ Kuro no bɛwo ayɛ kesee wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+
20 Enti afei, montie deɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔde bɛyɛ Edom+ ne deɛ wasusu sɛ ɔbɛyɛ Temanfoɔ:+ Ampa, wɔbɛtwe nnwammaa no ase. Ampa, wɔn nti, ɔbɛma wɔn tenabea adane amamfõ.+
13 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me nso mɛtene me nsa wɔ Edom+ so na matwa nnipa ne nyɛmmoa+ afiri asase no so, na ɛfiri Teman+ kɔsi Dedan+ nyinaa, mɛma no adane amamfõ. Nkrantɛ ano na wɔbɛwuwuo.
3 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Seir bepɔ,+ me ne wo wɔ asɛm, na mɛtene me nsa wɔ wo so+ na mama woasɛe pasaa adane amamfõ.+
19 Egypt deɛ, ɛbɛdane amamfõ,+ na Edom nso adane serɛ pradaa,+ ɛfiri sɛ wɔde atirimuɔdensɛm dii Yuda mma, na wɔhwiee mogya a ɛdi bem guu wɔn asase so.+