Yesaia 11:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Na pataku ne adwammaa bɛtena*+ na sebɔ ne abirekyie ba ada faako, na nantwie ba ne gyata+ ne aboa a wadɔre bɛbom atena faako+ na abarimaa ketewa aka wɔn. Yesaia 35:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Ɛserɛ ne asase kesee ani bɛgye,+ na asase pradaa bɛdi ahurisie na apae sɛ nhwiren.+ Yesaia 65:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “Merebɔ ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ;+ na wɔrenkae kane nneɛma no bio,+ na ɛremma akomam bio.+ Adiyisɛm 21:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Mehunuu ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na kane soro+ ne kane asase+ no atwam, na ɛpo+ nni hɔ bio.
6 Na pataku ne adwammaa bɛtena*+ na sebɔ ne abirekyie ba ada faako, na nantwie ba ne gyata+ ne aboa a wadɔre bɛbom atena faako+ na abarimaa ketewa aka wɔn.
21 Mehunuu ɔsoro foforɔ+ ne asase foforɔ,+ na kane soro+ ne kane asase+ no atwam, na ɛpo+ nni hɔ bio.