3 Nanso Serubabel ne Yesua+ ne Israel agyanom mmusua mu atitire+ nkaeɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛne mo nni hwee yɛ wɔ yɛn Nyankopɔn dan a yɛresie no mu,+ yɛn nko ara yɛbɛsi ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, sɛdeɛ Persia hene Kores+ ahyɛ yɛn no.”
2 Saa berɛ no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifoɔ+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn.
16 Na mede me nsɛm bɛhyɛ w’anom,+ na mede me nsa ase nwunu bɛkata wo so,+ na mede ɔsoro asi hɔ+ ato asase fapem,+ na maka akyerɛ Sion sɛ, ‘Wone me man.’+