1 Ahemfo
11 Na Ɔhene Solomon dɔɔ mmaa ananafoɔ+ pii kaa Farao babaa+ no ho: Moabfoɔ,+ Ammonfoɔ,+ Edomfoɔ,+ Sidonfoɔ+ ne Hitifoɔ+ mmaa, 2 aman a Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Israel no, sɛ: “Monnkɔ wɔn mu,+ na mommma wɔn nso mmma mo mu; dane na wɔbɛdane mo akoma akɔdi wɔn anyame akyi.”+ Wɔn na Solomon de ne ho kɔfam+ wɔn ho dɔɔ wɔn. 3 Ɔnyaa yerenom ahanson a wɔyɛ adehyeɛ, ne ayefam ahasa. Ne yerenom no de nkakrankakra+ danee n’akoma. 4 Na Solomon nkɔkoraaberɛ+ mu no, ne yerenom danee+ n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi;+ n’akoma anni mũ+ Yehowa, ne Nyankopɔn ho sɛ ne papa Dawid akoma. 5 Solomon kɔdii Sidonfoɔ nyamebaa Astoret+ ne Milkom,+ Ammonfoɔ atantanneɛ no, akyi. 6 Na Solomon firii aseɛ yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na wanni Yehowa akyi ankɔsi aseɛ sɛ ne papa Dawid.+
7 Saa berɛ no na Solomon sii sorɔnsorɔmmea+ maa Kemos,+ Moabfoɔ atantanneɛ+ no, wɔ bepɔ+ a ɛwɔ Yerusalem anim+ no soɔ, na ɔsii bi nso maa Molek, Ammonfoɔ atantanneɛ no. 8 Saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ+ a wɔhyee afɔrebɔdeɛ na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame+ no nyinaa.
9 Ɛnna Yehowa bo fuu+ Solomon ɛfiri sɛ n’akoma dane firii Yehowa, Israel Nyankopɔn a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho.+ 10 Ná wabɔ no kɔkɔ wɔ yei ho sɛ ɔnnkɔdi anyame foforɔ akyi,+ nanso wanni deɛ Yehowa hyɛɛ no no so. 11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Sɛ́ woayɛ yei na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ woɔ no so nti, hwim na mɛhwim ahennie no afiri wo nsam, na w’akoa na mede bɛma no.+ 12 Nanso wo papa Dawid nti,+ merenyɛ yei wɔ wo berɛ so.+ Wo ba nsam na mɛhwim afire.+ 13 Mmom ɛnyɛ ahennie no nyinaa na mɛhwim.+ M’akoa Dawid+ ne Yerusalem a mayie+ nti, mede abusuakuo baako bɛma wo ba.”
14 Ɛnna Yehowa maa ɔsɔretiafoɔ+ bi a wɔfrɛ no Hadad sɔre tiaa Solomon.+ Ɔyɛ Edomni a ɔfiri ɔhene asefoɔ mu. Ná ɔte Edom.+ 15 Berɛ bi a Dawid kunkum Edomfoɔ,+ na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔawuwuo no, ɔfirii aseɛ kunkum Edom mmarima nyinaa.+ 16 (Abosome nsia na Yoab ne Israel nyinaa dii no hɔ kɔsii sɛ ɔkunkum Edom mmarima nyinaa.) 17 Na Hadad ne Edom mmarima bi a wɔyɛ ne papa nkoa a wɔka ne ho dwane kɔɔ Egypt; saa berɛ no, na Hadad yɛ abarimaa. 18 Enti ɔne wɔn firi Midian+ kɔɔ Paran, na wɔkɔfaa mmarima firii Paran+ ne wɔn kɔɔ Egypt hene Farao nkyɛn wɔ Egypt, na ɔno nso maa no fie. Bio nso, ɔmaa no aduane ne asase. 19 Na Hadad kɔɔ so nyaa Farao anim adom+ ara maa enti ɔmaa no yere;+ ɔde ɔno ara ne yere ɔhemmaa Tapenes nuabaa maa no wareeɛ. 20 Akyire yi Tapenes nuabaa no woo ɔbabarima a wɔfrɛ no Genubat maa no; Farao fie na Tapenes twaa abɔfra no nufoɔ,+ na Genubat ne Farao mma tenaa Farao fie hɔ.
21 Na Hadad tee no Egypt sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda,+ na ɔsahene Yoab nso awu.+ Enti Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Gya me kwan ma menkɔ+ me kurom.” 22 Na Farao bisaa no sɛ: “Wote me nkyɛn yi, ɛdeɛn na ɛhia woɔ a enti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Hwee nhia me, gya ara na gya me kwan ma menkɔ.”
23 Onyankopɔn san maa ɔsɔretiafoɔ+ foforɔ, Eliada ba Reson sɔre tiaa no; ɔno na ɔdwane firii ne wura Soba+ hene Hadadeser+ nkyɛn no. 24 Ɔboaboaa mmarima bi ano baa ne nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ afomfoɔ no so sahene berɛ a Dawid kunkum+ Sobafoɔ no. Enti wɔkɔɔ Damasko+ kɔtenaa hɔ, na wɔdii adeɛ wɔ Damasko. 25 Ɔno nso sɔre tiaa Israel, Solomon nna nyinaa+ sɛdeɛ Hadad haa wɔn no; berɛ a ɔdii adeɛ wɔ Siria no nyinaa, na ɔkyiri Israel kɔkɔkɔkɔ.+
26 Efraimni Nebat a ɔfiri Sereda no ba Yeroboam,+ Solomon akoa+ a ne maame ne okunafoɔ Serua nso sɔreeɛ, na ɔtee ɔhene anim atua.+ 27 Deɛ enti a ɔtee ɔhene anim atua nie: Solomon kyekyeree Milo,*+ na ɔtuatuaa ne papa Dawid Kuro+ afasuo no. 28 Ná Yeroboam yɛ ɔbarima kokoɔdurofoɔ a ne ho yɛ den.+ Solomon hunuu sɛ aberanteɛ no yɛ obi a ɔpɛ adwuma,+ enti ɔyɛɛ no Yosef fie+ apaafoɔ+ nyinaa sohwɛfoɔ.+ 29 Saa berɛ no, Yeroboam firii adi firii Yerusalem, na Siloni+ odiyifoɔ Ahiya+ hyiaa no kwan so; ná Ahiya de ntoma foforɔ akata ne ho na na obiara nka wɔn mmienu ho wɔ wuram hɔ. 30 Ɛnna Ahiya sɔɔ ntoma foforɔ a ɛkata ne ho no mu, na ɔsunsuanee+ mu asinasini dumienu.+ 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ:
“Yi du fa, na deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Mɛhwim ahennie no afiri Solomon nsam, na mede mmusuakuo du bɛma wo.+ 32 Na m’akoa Dawid+ ne Yerusalem,+ kuro a mayi afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu nti, mɛgya abusuakuo baako+ ama no. 33 Deɛ enti a mereyɛ saa ne sɛ, wɔagya me+ akɔkoto Sidonfoɔ nyamebaa Astoret+ ne Moabfoɔ nyame Kemos+ ne Ammonfoɔ nyame Milkom;+ wɔannante m’akwan so anyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na wɔanni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm so sɛ ne papa Dawid. 34 Nanso merennye ahennie no nyinaa mfiri ne nsam, ɛfiri sɛ mɛyɛ no otitire, ne nkwa nna nyinaa, m’akoa Dawid a mayi+ no nti, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so. 35 Gyeɛ na mɛgye ahennie no afiri ne ba nsam na mede ama woɔ; mmusuakuo du na mede bɛma woɔ.+ 36 Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a m’akoa Dawid bɛnya kanea daa m’anim wɔ Yerusalem,+ kuro a mayi de me din ato soɔ+ no mu nti, mede abusuakuo baako bɛma ne ba. 37 Wo na mɛfa woɔ, na wobɛdi deɛ wo kra pɛ+ biara so, na wobɛdi Israel so hene. 38 Sɛ wodi deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa so, na wonante m’akwan so yɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm nyinaa so sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ+ no a, ɛnneɛ me nso mɛdi w’akyi,+ na mɛkyekyere daa fie ama wo sɛdeɛ makyekyere bi ama Dawid+ no, na mede Israel bɛma wo. 39 Yei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase,+ nanso ɛrenyɛ nna nyinaa.’”+
40 Enti Solomon pɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam.+ Ɛnna Yeroboam sɔre dwane+ kɔɔ Egypt hene Sisak+ nkyɛn, na ɔtenaa Egypt kɔsii sɛ Solomon wuiɛ.
41 Solomon ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ ne ne nyansa nyinaa, wɔatwerɛ no Solomon ho nsɛm nwoma no mu. 42 Nna a Solomon de dii Israel nyinaa so hene wɔ Yerusalem no si mfeɛ aduanan.+ 43 Na Solomon ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no ne papa Dawid Kuro+ mu, na ne ba Rehoboam+ bɛdii n’adeɛ.