Yohane
19 Afei Pilato faa Yesu kaa no mpire.+ 2 Ɛnna asraafoɔ no de nkasɛɛ nwenee abotire de bɔɔ ne ti, na wɔde atadeɛ ngugusoɔ kɔkɔɔ hyɛɛ no;+ 3 na wɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!” Afei wɔbobɔɔ n’asom.+ 4 Na Pilato firii adi bio kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Mede no refiri adi abrɛ mo na moahunu sɛ menhunu ne ho mfomsoɔ biara.”+ 5 Enti Yesu firii adi baeɛ a nkasɛɛ abotire no bɔ no na atadeɛ ngugusoɔ kɔkɔɔ no nso hyɛ no. Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Onipa no nie!” 6 Nanso berɛ a asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ no hunuu no no, wɔteaam kaa sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”+ Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu, na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”+ 7 Yudafoɔ no buaa no sɛ: “Yɛwɔ mmara,+ na sɛdeɛ mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.”+
8 Afei berɛ a Pilato tee saa asɛm no, ɔsuroo paa; 9 na ɔkɔɔ amrado aban mu hɔ bio, na ɔbisaa Yesu sɛ: “Wofiri he?” Nanso Yesu amma no mmuaeɛ biara.+ 10 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wommua me?+ Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ na mewɔ tumi nso sɛ mebɔ wo asɛndua mu?” 11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a,+ anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti na onipa a ɔde me maa woɔ no bɔne sõ paa no.”
12 Enti Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafoɔ no teaam kaa sɛ: “Sɛ wogyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Onipa biara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia Kaesare.”+ 13 Enti Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu firii adi, na ɔtenaa atemmuo adwa so wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Aboɔ-Nsɛeɛ, deɛ Hebri mu wɔfrɛ no Gabata no. 14 Saa berɛ no na wɔreboaboa+ wɔn ho ama twam no; na ɛbɛyɛ owigyinaeɛ. Na ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Hwɛ! Mo hene nie!” 15 Nanso wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Memmɔ mo hene asɛndua mu?” Asɔfoɔ mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara sɛ Kaesare.”+ 16 Afei ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
Ɛnna wɔfaa Yesu kɔeɛ. 17 Na berɛ a ɔno ara sõ asɛndua no,+ ɔfirii adi kɔɔ baabi+ a wɔato din Tikoraa a wɔfrɛ hɔ Golgota wɔ Hebri mu;+ 18 na ɛhɔ na wɔbɔɔ no asɛndua mu+ a na nnipa mmienu ka ne ho, baako wɔ fã ha ɛnna baako wɔ fã ha, na Yesu wɔ mfimfini.+ 19 Pilato twerɛɛ asɛm bi nso fam asɛndua no ho. Ɔtwerɛɛ sɛ: “Yesu Nasareni, Yudafoɔ Hene no.”+ 20 Enti Yudafoɔ no bebree kenkanee asɛm yi, ɛfiri sɛ na baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no bɛn kuro no,+ na wɔtwerɛɛ no Hebri, Latin, ne Hela kasa mu. 21 Nanso Yudafoɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Ntwerɛ sɛ ‘Yudafoɔ Hene,’ na mmom twerɛ sɛ ɔno na ɔkaa sɛ, ‘Mene Yudafoɔ Hene.’” 22 Pilato buaa sɛ: “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
23 Afei berɛ a asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’atadeɛ ngugusoɔ kyɛɛ mu nnan, na ɔsraani biara faa baako, ɛne n’atadeɛ nhyɛaseɛ no. Nanso na atadeɛ nhyɛaseɛ no nni mpameeɛ, na na wɔanwene firi soro abɛsi fam.+ 24 Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnnsunsuane mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ deɛ ɛbɛyɛ ne dea.” Yei baa saa na ama twerɛsɛm no aba mu sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ngugusoɔ mu faeɛ, na m’atadeɛ nso, wɔbɔɔ so ntonto.”+ Na asraafoɔ no yɛɛ yei ampa.
25 Ná ne maame+ ne ne maame nua, afei Klopa yere Maria,+ ne Maria Magdalene gyina asɛndua no ho.+ 26 Afei berɛ a Yesu hunuu ne maame, na ɔhunuu osuani a ɔdɔ no+ no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbaa, hwɛ! Wo ba!” 27 Afei ɔka kyerɛɛ osuani no nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame!” Na ɛfiri saa berɛ no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie.
28 Yei akyi, berɛ a Yesu hunuu sɛ biribiara aba awieeɛ no, deɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu no ɔkaa sɛ: “Sukɔm de me.”+ 29 Na adeɛ bi si hɔ a nsã nyinyanyinya ayɛ no mã. Ɛnna wɔde sapɔ a nsã nyinyanyinya no ahyɛ no mã tuaa sommɛ ano de kaa n’ano.+ 30 Afei berɛ a nsã nyinyanyinya no kaa Yesu ano no, ɔkaa sɛ: “Asa!”+ na ɔsii ne tiri ase gyaa ne honhom mu.+
31 Na ɛyɛ Ahoboaboa+ berɛ, na deɛ ɛbɛyɛ na Homeda no bɛduro na amu no nsɛn asɛndua no soɔ+ (ɛfiri sɛ na saa Homeda no yɛ homeda kɛseɛ)+ nti, Yudafoɔ no srɛɛ Pilato sɛ ɔmma wɔmmubu wɔn nan mu na wɔnyi amu no mfiri hɔ. 32 Enti asraafoɔ no ba bɛbubuu onipa a ɔdi kan no nan mu ne deɛ ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no nso deɛ mu. 33 Na wɔduruu Yesu nkyɛn a wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nan mu. 34 Nanso asraafoɔ no baako de pea wɔɔ ne mfe+ na ntɛm ara mogya ne nsuo firi baeɛ. 35 Deɛ ɔde n’ani hunuiɛ na adi adanseɛ yi, na n’adanseɛ no yɛ nokorɛ, na saa onipa no nim sɛ ɔka nokorɛ na ama mo nso moagye adi.+ 36 Nokwasɛm ne sɛ yeinom siiɛ na twerɛsɛm no aba mu sɛ: “Wɔremmu ne dompe baako mpo mu.”+ 37 Afei nso twerɛsɛm foforɔ ka sɛ: “Wɔbɛhwɛ Deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no.”+
38 Afei, yeinom akyi no, Yosef a ɔfiri Arimatea, a na ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafoɔ no ho suro+ nti ɔyɛɛ no kokoam no, srɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu nkɔ; na Pilato maa no kwan.+ Ɛnna ɔbɛfaa amu no kɔeɛ.+ 39 Nikodemo a berɛ a ɛdi kan no ɔbaa ne nkyɛn anadwo no nso de kurobo ne pɛprɛ mfrafraeɛ bɛyɛ nkariboɔ ɔha baeɛ.+ 40 Enti wɔfaa Yesu amu no de nwera a aduhwam no wom kyekyeree+ no sɛdeɛ Yudafoɔ afunsie ho amanneɛ teɛ. 41 Ná turo bi wɔ baabi a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, na na ɛda foforɔ+ a wɔmfaa obiara ntoo mu da wɔ turo no mu. 42 Ɛhɔ na Yudafoɔ no ahoboaboa+ nti, wɔde Yesu kɔtoeɛ, ɛfiri sɛ na ɛda no bɛn.