Mmebusɛm
12 Deɛ ɔdɔ ntenesoɔ no dɔ nimdeɛ,+ na deɛ ɔtan kasakyerɛ deɛ, ɔnni adwene.+
2 Onipa pa nya Yehowa anim adom,+ na onipa a ɔwɔ adwemmɔne deɛ, ɔbu no ɔbɔnefoɔ.+
3 Onipa biara ase rentim amumuyɔ mu,+ na ateneneefoɔ deɛ, wɔn nhini rentutu+ ara da.
4 Ɔyere pa yɛ ne kunu abotire,+ na deɛ ɔyɛ aniwudeɛ deɛ, ɔyɛ ne kunu nnompe mu porɔeɛ.+
5 Ateneneefoɔ adwene tene;+ na abɔnefoɔ akwankyerɛ yɛ nnaadaa.+
6 Abɔnefoɔ de wɔn nsɛm tetɛ mogya,+ na teefoɔ ano na ɛbɛgye wɔn.+
7 Wɔbɛtutu abɔnefoɔ ase ama wɔayera,+ na ateneneefoɔ fie deɛ, ɛbɛgyina daa.+
8 Onipa a ɔbue n’ano nyansa mu na wɔbɛyi no ayɛ,+ na deɛ n’akoma akyea deɛ, wɔbɛbu no animtia.+
9 Deɛ wɔmmu no nanso ɔwɔ akoa no yɛ sene deɛ ɔhoahoa ne ho nanso n’ano aduane abɔ no.+
10 Ɔteneneeni ani kũ n’afieboa kra ho,+ na ɔbɔnefoɔ mmɔborɔhunu yɛ atirimuɔden.+
11 Deɛ ɔdɔ n’asase no bɛdidi amee,+ na deɛ ɔdi nneɛma hunu akyi deɛ, ɔnni ti.*+
12 Ɔbɔnefoɔ ani bere deɛ nnipa abɔnefoɔ asau ayie;+ na ateneneefoɔ nhini deɛ, ɛso aba.+
13 Ano mfomsoɔ yɛ fidie ma ɔbɔnefoɔ,+ na ɔteneneeni bɛfiri ahohia mu.+
14 Onipa anom aba na ɔde bɛdi papa amee,+ na onipa nsa ano adeɛ bɛsan aba ne nkyɛn.+
15 Ɔkwasea akwan tene n’ani so,+ na deɛ ɔtie afotuo no yɛ onyansafoɔ.+
16 Ɔkwasea na ɔda n’abufuo adi da no ara,+ na onitefoɔ kata animguaseɛ so.+
17 Deɛ ɔka nokorɛ no ka deɛ ɛtene,+ na ɔdansekunumufoɔ deɛ, ɔka nnaadaasɛm.+
18 Ɛwɔ deɛ ɔtu nsɛm bumbum sɛ nkrantɛ a ɛwowɔ,+ na anyansafoɔ kɛtrɛma deɛ, ɛsa yareɛ.+
19 Nokorɛ ano+ na ɛbɛtim,+ na atorɔ kɛtrɛma deɛ, ɛrenni gyina.+
20 Nnaadaa wɔ wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne akoma mu,+ na asomdwoeɛ ho afotufoɔ di ahurisie.+
21 Bɔne bi rento ɔteneneeni,+ na abɔnefoɔ deɛ, mmusuo na ɛbɛhyɛ wɔn ma.+
22 Atorɔ ano yɛ Yehowa akyiwadeɛ,+ na wɔn a wɔdi nokorɛ no ma n’ani gye.+
23 Onitefoɔ kora nimdeɛ so,+ na ɔkwasea akoma deɛ, ɛka nkwaseasɛm.+
24 Nsiyɛfoɔ nsa na ɛbɛdi tumi,+ na ɔkwadwofoɔ nsa deɛ, ɛbɛyɛ nkoadwuma.+
25 Onipa akoma mu awerɛhoɔ boto no,+ na asɛmpa ma ɛdi ahurisie.+
26 Ɔteneneeni hwɛ ne mmoa adidibea, na abɔnefoɔ kwan na ɛma wɔyera.+
27 Ɔkwadwofoɔ nsa mma no nkɔ ahayɔ,+ na nsiyɛ yɛ onipa agyapadeɛ a ne boɔ yɛ den.