Yesaia
30 Yehowa asɛm nie: “Mma atuatefoɔ,+ monnue. Agyinatusɛm a wɔdi akyire no mfiri me,+ na nsã a wɔgu yɛ apam no, me honhom nni akyire; wɔde bɔne ka bɔne ho.+ 2 Wɔkɔ Egypt+ na wɔmmisa m’anom asɛm.+ Wɔkɔ sɛ wɔrekɔhyɛ Farao abandenden ase, na wɔakɔhunta Egypt nwunu ase!+ 3 Nanso Farao abandenden bɛdane mo aniwuo+ na Egypt nwunu ase ahuntaeɛ adane mo animguaseɛ.+ 4 Ne mpanimfoɔ aba Soan,+ na n’abɔfoɔ aduru Hane. 5 Obiara ani bɛwu ɛfiri sɛ ɔman no ho remma wɔn mfasoɔ. Wɔrentumi mmoa wɔn na wɔrennya wɔn so mfasoɔ biara, na mmom aniwuo ne animguaseɛ nko na wɔde bɛgya wɔn.”+
6 Anafoɔ fam mmoa ho atemmusɛm nie:+ Wɔfa ahodwan ne ahohia asase so,+ baabi a gyata ne sebɔ a ɔrepɔ soɔ wɔ, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a n’ano yɛ egya a ɔtuo wɔ no.+ Wɔde wɔn agyapadeɛ gu afunumu mmatiri so, na wɔde wɔn nneɛma gu yoma akyi apɔapɔ so.+ Nanso nnipa no rennya ɛso mfasoɔ biara. 7 Egyptfoɔ yɛ ahuhudeɛ kɛkɛ, na wɔn mmoa so nni mfasoɔ.+ Enti na mafrɛ no: “Rahab+—wɔsi hɔ dworii.”
8 “Afei daakye asɛm nti, bra bɛtwerɛ gu ɔboɔpono so wɔ wɔn anim na kurukyire no nwoma mu+ na ayɛ daa adanseɛ.+ 9 Wɔyɛ ɔman atuatefoɔ,+ mma a wɔnni nokorɛ,+ mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Yehowa mmara.+ 10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ, ‘Monnhunu adeɛ,’ na wɔka kyerɛ adiyifoɔ sɛ, ‘Monnka anisoadehunu a ɛtene nnkyerɛ yɛn.+ Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn, monka anisoadehunu mfa nnaadaa yɛn.+ 11 Momfiri kwan no so, mommane mfiri tempɔn no so.+ Monyi Israel Kronkronni no mfiri yɛn ani so.’”+
12 Enti deɛ Israel Kronkronni no nso aka nie: “Ɛsiane sɛ moapo asɛm yi,+ na mode mo ho ato asisisɛm ne nkontomposɛm soɔ na mode ayɛ mo akyidua+ nti, 13 bɔne yi bɛdane mo sɛ ɔfasuo a ne fã apae a ɛrebɛdwiri aguo, te sɛ ɔfasuo tenten a akyea+ a ɛrebɛhwe ase mpofirem, prɛko pɛ.+ 14 Na wɔbɛbubu no te sɛ ɔnwemfoɔ ahina+ a wɔabɔ no dwerɛbee a ebi nka, na wɔrennya deɛ abubu no mu sini bi mpo a wɔde bɛyi gya afiri bukyia mu anaa wɔde bɛsa nsuo wɔ fam.”+
15 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa, Israel Kronkronni no,+ aka nie: “Mosan ba bɛhome a, mobɛnya nkwa. Na motena ase komm de mo ho to me so a, mobɛnya ahoɔden.”+ Nanso moampene.+ 16 Na mokaa sɛ: “Dabi, yɛbɛtena apɔnkɔ so adwane!”+ Ɛno nti mobɛdwane nso. “Apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare so na yɛbɛtena!”+ Enti wɔn a wɔtĩ mo no ho bɛyɛ hare.+ 17 Onipa baako bɛhunahuna nnipa apem ama wɔn ho apopo;+ na nnum bɛhunahuna mo na moadwane akɔsi sɛ mobɛka sɛ frankaa bi a ɛwɔ bepɔ soɔ, ahyɛnsodeɛ a ɛsi kokoɔ soɔ.+
18 Enti Yehowa twɛn sɛ ɔbɛboa mo,+ na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ.+ Yehowa yɛ atemmuo Nyankopɔn.+ Anigyeɛ+ ne wɔn a wɔtwɛn no.+ 19 Sɛ ɔman a wɔwɔ Sion+ no bɛtena Yerusalem+ a, worensu bio.+ Wonya ma wo nne so su frɛ no a, ɔbɛdom wo; ɔte ara pɛ a ɔbɛgye wo so.+ 20 Na Yehowa de ahohia bɛyɛ aduane ama wo na ɔde nhyɛsoɔ ayɛ nsuo ama wo.+ Nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no renhunta bio, na wode w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini no.+ 21 Na w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɛkwan no nie.+ Momfa so.” Sɛ momane fa nifa oo, mofa benkum oo, momfa so.+
22 Na gu wo dwetɛ+ ahoni nkataho ne wo sika+ ahoni*+ nnuraho ho fĩ. Wobɛto agu,+ na wobɛka akyerɛ no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra sɛ: “Ɛyɛ fĩ!”+ 23 Na ɔbɛma nsuo atɔ agu w’aba a woadua+ so na w’asase so nnɔbaeɛ ama wo aduane sɔkyee.+ Na da no, wo mmoa bɛnya asase tɛtrɛɛ adidi so.+ 24 Na anantwie ne mfunumu a wɔdɔ asase no bɛdi afrafraduane pa a wɔde sofi+ ne nkorabata ahu soɔ. 25 Na nsubɔnten ne nsuka bɛba bepɔ tenten ne kokoɔ a ɛkorɔn biara so,+ da a wɔbɛkunkum nnipa asam hɔ na abantenten bɛhwehwe aseɛ no.+ 26 Na bosome hann bɛyɛ sɛ awia ketee hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho nson+ te sɛ nnanson hann, da a Yehowa bɛkyekyere ne man a abubuo+ na wasa+ ekuro kɛseɛ a ɔnyaeɛ berɛ a ɔhwee no no.
27 Hwɛ, Yehowa din firi akyirikyiri reba, ɛde abufuhyeɛ+ ne mununkum duruduro reba. Atemmuo ayɛ n’anom mã, na ne kɛtrɛma te sɛ egya a ɛhye adeɛ.+ 28 Ne honhom te sɛ asubɔnten a ɛyiri duru kɔn mu,+ na ɔbɛwoso amanaman no wɔ sɔneeɛ mu,+ na ɔbɛsɔne adehunu, na ɔde nnareka+ bɛhyɛ nkurɔfoɔ no afonom ama wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ.+ 29 Mobɛto dwom+ te sɛ anadwo a mote mo ho di afahyɛ+ no, na anigyeɛ bɛhyɛ mo akoma mã te sɛ obi a ɔde atɛntɛbɛn+ rekɔ Yehowa bepɔ soɔ,+ Israel Botan no nkyɛn.+
30 Na Yehowa bɛma nnipa ate n’animuonyam nne+ kɛseɛ no na wama wɔahunu n’abasa a ɛresiane no.+ Ɛbɛba wɔ abufuhyeɛ+ ne gyaframa+ ne osubrane ne ahum+ ne asukɔtweaa mu.+ 31 Yehowa bɛma ne nne so na Asiria akoma atu,+ na ɔde abaa bɛhwe no.+ 32 Na abaa biara a Yehowa de bɛtwe Asiria aso no bɛyɛ sɛ mpintin ne asankuo,+ na ɔbɛhim ne nsa de ɛko aba wɔn so.+ 33 Wɔasiesie ne Tofet*+ ato hɔ dada; wɔasiesie ama ɔhene no nso.+ Emu dɔ, na egya ne nnyina abu so wɔ hɔ. Yehowa home sɔ ano gya te sɛ sɔfe asubɔnten.+