1 Samuel
25 Ɛbaa sɛ Samuel+ wuiɛ, na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛsũũ+ no, na wɔsiee no ne fie nkyɛn wɔ Rama.+ Na Dawid sɔreeɛ, na ɔsiane kɔɔ Paran serɛ so.+
2 Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Maon+ a n’adwuma wɔ Karmel.*+ Ná ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ paa; ná ɔwɔ nnwan mpem mmiɛnsa ne mmirekyie apem, na na ɔretwitwa ne nnwan ho+ wɔ Karmel. 3 Ɔbarima no din de Nabal,+ na ne yere din de Abigail.+ Ná ne yere no nim nyansa+ yie na ne ho nso yɛ fɛ, na ne kunu deɛ, na n’asɛm yɛ den na ne nneyɛɛ nyɛ;+ ná ɔyɛ Kaleb+ aseni. 4 Na Dawid tee no serɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho nwi.+ 5 Enti Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: “Monkɔ Karmel, Nabal nkyɛn na monkɔbisa sɛdeɛ ne ho teɛ,+ me din mu. 6 Mokɔ a, monka nkyerɛ me nua no sɛ, ‘Ɛnsi wo yie,+ na ɛnsi wo fie ne deɛ wowɔ nyinaa yie. 7 Mate sɛ woretwitwa nnwan ho. Yɛne wo nnwanhwɛfoɔ no ara na ɛtenaeɛ.+ Yɛampoopoo wɔn,+ na nna a wɔde tenaa Karmel nyinaa, wɔn biribiara anyera. 8 Bisa wo ara wo mmarima no, na wɔbɛka akyerɛ wo, na ma me mmarima no nnya w’anim adom, ɛfiri sɛ yɛaba da pa. Enti yɛsrɛ wo, deɛ wo nsa bɛka biara, fa ma wo nkoa ne wo ba Dawid.’”+
9 Ɛnna Dawid mmarima no kɔeɛ, na wɔkɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal wɔ Dawid din mu, na wɔtwɛneeɛ. 10 Nanso Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: “Hwan ne Dawid,+ na hwan ne Yese ba no? Nnansa yi, nkoa a wɔadwane afiri wɔn wuranom nkyɛn adɔɔso.+ 11 Memfa m’aduane+ ne me nsuo ne me nam a makum atwitwa ama me nnwan ho twitwafoɔ no mma mmarima a mennim deɛ wɔfire mpo?”+
12 Ɛnna Dawid mmarima no danee wɔn ho sii kwan soɔ, na wɔsan kɔ kɔkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no. 13 Ɛhɔ ara na Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Obiara mfa ne nkrantɛ mmɔ n’asene!”+ Enti obiara faa ne nkrantɛ bɔɔ n’asene, na Dawid nso de ne nkrantɛ bɔɔ n’asene. Na wɔdii Dawid akyi, mmarima bɛyɛ ahanan, na ahanu tenaa wɔn nneɛma ho.+
14 Nso ná mmarima no baako akɔka akyerɛ Nabal yere Abigail sɛ: “Hwɛ, Dawid tuu abɔfoɔ firii serɛ so bɛhyiraa yɛn wura, nanso wateatea wɔn adidi wɔn atɛm.+ 15 Mmarima no yɛɛ yɛn yie sɛ, na wɔampoopoo yɛn, na nna a yɛne wɔn nantee wuram no nyinaa, yɛn biribiara anyera.+ 16 Wɔyɛɛ sɛ ɔfasuo+ wɔ yɛn ho awia ne anadwo, nna a yɛne wɔn wɔ hɔ rehwɛ nnwan no nyinaa. 17 Na afei hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ, na mmusuo na ɛrebɛba+ yɛn wura ne ne fie nyinaa soɔ, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔbarima huhuni+ a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.”
18 Ɛhɔ ara na Abigail+ yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne bobesa+ nsuhina mmienu ne nnwan nnum a wɔasiesie,+ ne nkyeweɛ+ susukoraa nnum, ne bobe taterɛ+ ɔha, ne borɔdɔma aba a wɔabɔ no ntoantoa+ ahanu, na ɔde soaa mfunumu. 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: “Monsene nni me kan,+ na mɛdi mo akyi.” Na ne kunu Nabal deɛ, wanka hwee ankyerɛ no.
20 Na ɛbaa sɛ berɛ a ɔte afunumu no so+ resiane bepɔ no ahuntaeɛ mu no, ɔnkɔhwɛ a Dawid ne ne mmarima na wɔresiane ba yi. Enti ɔkɔhyiaa wɔn. 21 Dawid deɛ, na waka sɛ: “Ɔbrɛ na mabrɛ agu kwa sɛ mebɔɔ oyi nneɛma nyinaa ho ban ɛserɛ no soɔ; deɛ ɔwɔ nyinaa baako mpo anyera,+ nanso hwɛ, bɔne na ɔde retua papa a meyɛeɛ so ka.+ 22 Sɛ ɛbɛduru anɔpa+ na magya ɔbarima+ bi wɔ ne fie a, Onyankopɔn ntua Dawid atamfo ka na ɔmfa bi nka ho.”+
23 Berɛ a Abigail hunuu Dawid ara pɛ, ɔyɛɛ ntɛm si firii afunumu no so, na ɔkotoo Dawid anim na ɔde n’anim butuu fam.+ 24 Afei ɔhwee ne nan ase+ kaa sɛ: “O me wura, ma asodie no mmra me so+ mmom; mesrɛ wo, ma w’afenaa nkasa w’asom,+ na tie w’afenaa asɛm. 25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnkɔ ɔbarima huhuni+ Nabal yi so, na sɛdeɛ ne din teɛ no saa na ɔteɛ. Ne din de Nabal, na agyimisɛm ne no na ɛteɛ.+ W’afenaa deɛ, manhunu me wura mmarima a wosomaa wɔn no. 26 Enti me wura, sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ yi,+ Yehowa ayi wo afiri mu+ na woammɛdi mogya ho fɔ,+ sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ werɛ.+ Na ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.+ 27 Na akyɛdeɛ+ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, fa ma mmeranteɛ a wɔdi me wura anammɔn akyi+ no. 28 Enti mesrɛ wo, fa w’afenaa+ bɔne kyɛ no, na Yehowa bɛkyekyere daa fie+ ama me wura ɛfiri sɛ Yehowa ko na me wura reko;+ bɔne deɛ, wɔrenhunu bi wo ho wo nna nyinaa.+ 29 Na sɛ onipa sɔre tĩ wo na ɔhwehwɛ wo kra a, Yehowa wo Nyankopɔn+ bɛkyekyere me wura kra wɔ nkwa bɔtɔwa+ mu, ne nkyɛn; nanso w’atamfo kra deɛ, ɔbɛto no sɛ adeɛ a ɛfiri ataaboɔ+ mu. 30 Na ɛbɛba sɛ Yehowa bɛyɛ papa a waka no me wura ho no nyinaa, enti ɔbɛyɛ wo Israel so panin.+ 31 Mma me wura nnhwie mogya nngu kwa,+ na wo ara woamfa wo nsa antɔ werɛ+ anyɛ biribi anha w’ahonim, na anto me wura akoma suntidua. Yehowa bɛyɛ me wura yie, na ɛyɛ a kae+ w’afenaa.”
32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a ɔsomaa wo bɛhyiaa me nnɛ yi! 33 Nhyira nka wo nyansa,+ na nhyira nka wo sɛ woayi me afiri mogya ho afɔdie+ mu na me ara mamfa me nsa antɔ werɛ.+ 34 Na sɛ́ Yehowa, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne+ no nso te aseɛ yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me+ a, anka adeɛ bɛkye anɔpa no na ɛnkaa Nabal fie barima+ baako mpo.” 35 Ɛnna Dawid gyee deɛ ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Foro kɔ wo fie asomdwoeɛ mu.+ Hwɛ, matie wo nne, na mahwɛ w’anim.”+
36 Akyire yi Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoo sɛ wato pono wɔ fie sɛ ɔhene bi pono,+ na Nabal ani agye n’akomam, na wabo+ sei sram; na wanka asɛm ketewa anaa kɛseɛ bi ankyerɛ ne kunu kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ. 37 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyee anɔpa a nsã no atete Nabal ani soɔ no, ne yere kaa nsɛm yi kyerɛɛ no, na n’akoma+ wuu ne mu, na ɔyɛɛ sɛ boɔ. 38 Ɛno akyi bɛyɛ dadu no, Yehowa bɔɔ+ Nabal maa no wuiɛ.
39 Dawid tee sɛ Nabal awu, na ɔkaa sɛ: “Nhyira nka Yehowa a wadi m’asɛm+ ayi m’ahohoraa+ na wayi me afiri Nabal nsam na wamma n’akoa anyɛ bɔne,+ na Yehowa ama Nabal bɔne adane agu n’atifi!”+ Na Dawid somaa sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Abigail sɛ ɔbɛware+ no. 40 Enti Dawid nkoa no kɔɔ Abigail nkyɛn wɔ Karmel, na wɔne no kɔkasaa sɛ: “Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware.” 41 Ɛhɔ ara na ɔsɔre bɔɔ ne mu aseɛ, na ɔde n’anim butuu fam+ kaa sɛ: “W’afenaa nie, na mɛyɛ abaawa ahohoro me wura+ nkoa nan ho.”+ 42 Ɛnna Abigail+ yɛɛ ntɛm sɔreeɛ, na ɔtenaa+ afunumu so, na ne mmaawa nnum dii n’akyi, na ɔsiim ne Dawid abɔfoɔ no kɔeɛ, na ɔbɛyɛɛ ne yere.
43 Ná Dawid afa Ahinoam+ a ɔfiri Yesreel+ nso, na mmaa mmienu no nyinaa bɛyɛɛ ne yerenom.+
44 Saul deɛ, na ɔde ne babaa Mikal,+ Dawid yere no ama Lais ba Palti+ a ɔfiri Galim+ no aware.