14 Nanso seesei deɛ, w’ahennie renkyɛre.+ Yehowa bɛhwehwɛ ɔbarima a n’akoma da ne soɔ,+ na Yehowa de no bɛsi ne man so panin,+ ɛfiri sɛ woanyɛ deɛ Yehowa hyɛɛ woɔ no.”+
17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro,+ ɛfiri sɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyire; me papa Saul mpo nim saa.”+
21 Na Dawid buaa Mikal sɛ: “Yehowa a ɔfirii wo papa ne ne fie nyinaa akyi bɛyii me de me yɛɛ Yehowa man Israel so panin+ no anim na medii ahurisie, na mɛdi ahurisie bio Yehowa anim.+
8 Afei yei na ka kyerɛ m’akoa Dawid, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa+ akyiridie na bɛdi me man Israel anim.+
7 “Afei yei na ka kyerɛ m’akoa Dawid, ‘Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Me na meyii wo firii mmoa adidibea sɛ gyae mmoa akyiridie+ na bɛdi me man Israel anim.+