1 Samuel
9 Ná Benyamin aseni bi wɔ hɔ a ne din de Kis,+ Abiel ba, Seror ba, Bekorat ba, Afiya ba; ná ɔyɛ Benyaminni+ ɔdefoɔ.+ 2 Ná ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul,+ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ a Israelni biara nni hɔ a ɔsene no ahoɔfɛ mu; ɛfiri ne mmatiri rekɔ no, na ɔware sene obiara, ɔman no mu.+
3 Saul papa Kis mfunumu+ yeraeɛ. Enti Kis ka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: “Mesrɛ wo, fa asomfoɔ no baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.” 4 Na ɔfaa Efraim+ mmepɔ so kɔfaa Salisa+ asase so, nanso wɔanhu wɔn. Afei wɔkɔtwaam Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ. Na ɔkɔfaa Benyaminfoɔ asase so, nanso wɔanhu wɔn.
5 Berɛ a wɔkɔduruu Suf asase soɔ no, Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔka ne ho no sɛ: “Bra ma yɛnsan nkɔ na me papa annyae mfunumu no akyiridie ammɛdwene yɛn ho mmom.”+ 6 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn nipa+ bi wɔ kuro yi mu, na ɔwɔ nidie paa. Asɛm biara a ɔka ba mu.+ Ma yɛnkɔ hɔ seesei ara. Ebia ɔbɛkyerɛ yɛn kwan a yɛmfa soɔ.” 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Sɛ yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no?+ Paanoo a ɛwɔ yɛn nneɛma mu asa, na hwee nni hɔ a yɛde bɛkyɛ+ nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Ɛdeɛn na yɛwɔ?” 8 Na ɔsomfoɔ no san ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Mekura dwetɛ dwetɛbena+ abupɛn nnan mu baako; mɛtumi de ama nokorɛ Nyankopɔn nipa no na wakyerɛ yɛn deɛ yɛmfa.” 9 (Sɛ kane no na ɔbarima yi rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ wɔ Israel a, anka deɛ ɔbɛka ne sɛ: “Ma yɛnkɔhunu ɔdehwɛfoɔ+ no.” Deɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ nnɛ no, kane no, na wɔfrɛ no ɔdehwɛfoɔ.) 10 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Deɛ woaka no yɛ.+ Bra ma yɛnkɔ.” Na wɔkɔɔ kuro a nokorɛ Nyankopɔn nipa no wom no mu.
11 Berɛ a wɔreforo akɔ kuro no mu no, wɔhunuu mmabaa bi sɛ wɔrekɔsa nsuo.+ Ɛnna wɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛha na ɔdehwɛfoɔ+ no wɔ anaa?” 12 Ɛnna wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔwɔ ha. Hwɛ! Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho ɛfiri sɛ waba kurom ha nnɛ, na ɔman no wɔ afɔdeɛ bi bɔ+ wɔ sorɔnsorɔmmea+ hɔ nnɛ. 13 Sɛ moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔmmea hɔ akɔdidi; ɔman no rennidi kɔsi sɛ ɔbɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ ɔno na ɔhyira afɔdeɛ soɔ.+ Ɔhyira so wie ansa na wɔn a wɔafrɛ wɔn aba no adidi. Enti momforo nkɔ, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, berɛ yi mu ara na mobɛhu no.” 14 Na wɔforo kɔɔ kuro no mu. Berɛ a wɔreyɛ aduru kuro no mu no, hwɛ, na Samuel refiri adi abɛhyia wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.
15 Da a adeɛ rebɛkye ama Saul aba no, Yehowa yii Samuel asotire+ sɛ: 16 “Ɔkyena saa berɛ yi mɛsoma ɔbarima bi a ɔfiri Benyamin+ asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo+ na fa no si me man Israel so panin; ɔno na ɔbɛgye me man afiri Filistifoɔ nsam,+ ɛfiri sɛ mahunu me man amanehunu, na wɔn sufrɛ abɛduru me nkyɛn.”+ 17 Na Samuel hunuu Saul, na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbarima a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Oyi na ɔbɛdi me man soɔ’ no nie.”+
18 Na Saul twe bɛnee Samuel wɔ kuro pono no ano, na ɔkaa sɛ: “Mesrɛ wo ka kyerɛ me, ɛhe na ɔdehwɛfoɔ no fie wɔ?” 19 Ɛnna Samuel buaa Saul sɛ: “Mene ɔdehwɛfoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ+ na anɔpa magya mo kwan, na deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa, mɛka akyerɛ wo.+ 20 Wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no,+ mfa w’akoma nkɔ+ wɔn so, ɛfiri sɛ wɔahu wɔn. Na hwan na Israel nneɛma pa nyinaa wɔ no?+ Ɛnyɛ wo ne wo papa fie nyinaa dea?” 21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Me deɛ, meyɛ Benyaminni; ɛnyɛ Israel mmusuakuo+ mu ketewa+ no mu na mefire? Na Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa no, ɛnyɛ m’abusua ne ketewa koraa?+ Enti adɛn na woka saa asɛm yi kyerɛ me?”+
22 Afei Samuel faa Saul ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn baa adidibea hɔ, na ɔde wɔn tenaa baabi titire+ wɔ wɔn a wɔafrɛ wɔn no mu; ná wɔyɛ mmarima bɛyɛ aduasa. 23 Akyire yi, Samuel ka kyerɛɛ oduannoafoɔ no sɛ: “Fa nankum a mede maa woɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Fa sie’ no bra.” 24 Ɛnna oduannoafoɔ no kɔfaa ne srɛ ne deɛ ɛtua soɔ no, na ɔde bɛsii Saul anim. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ wɔde sieeɛ no nie. Fa si w’anim. Di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo abɛpem berɛ a wɔahyɛ yi na ama wo ne wɔn a wɔafrɛ wɔn no adidi.” Enti Saul ne Samuel didii saa da no. 25 Wɔwieeɛ no, wɔsiane firii sorɔnsorɔmmea+ hɔ kɔɔ kuro no mu, na ɔne Saul kasaa wɔ dan atifi.+ 26 Afei wɔsɔree anɔpahema, na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saul ɛdan atifi hɔ sɛ: “Sɔre, na mennya wo kwan.” Ɛnna Saul sɔreeɛ, na wɔn mmienu nyinaa, ɔne Samuel, firii adi. 27 Berɛ a wɔresiane afiri kuro no mu no, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Ka kyerɛ ɔsomfoɔ+ no sɛ ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ”—enti ɔbɛsene kɔeɛ—“na wo deɛ, gyina hɔ na menka asɛm a Onyankopɔn aka no nkyerɛ wo.”