Hesekiel
34 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ Israel nnwanhwɛfoɔ ho nkɔm. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Israel nnwanhwɛfoɔ+ a wɔdwene wɔn ara wɔn yafunu ho+ no nnue! Ɛnyɛ nnwan na ɛsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ yɛn wɔn?+ 3 Sradeɛ na modie,+ na wɔn nwi na mode kata mo ho. Mmoa a wɔadɔ+ na mokum wɔn.+ Nanso nnwan no deɛ, monhwɛ wɔn. 4 Wɔn a wɔayɛ mmerɛ nso monhyɛɛ wɔn den,+ deɛ ɔyareɛ no monsaa no yareɛ, deɛ wapira no monkyekyeree ne kuro, deɛ wadwane no monkɔfaa no mmaeɛ, na deɛ wayera no monhwehwɛɛ no,+ na mmom mohyɛ wɔn so atirimuɔden so.+ 5 Na wɔfirii aseɛ bɔ hweteeɛ ɛfiri sɛ na odwanhwɛfoɔ+ biara nni hɔ, na wɔdanee wuram mmoa aduane; wɔbɔɔ wɔn hwetee daa.+ 6 Me nnwan bɔɔ ko wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so,+ na wɔbɔɔ me nnwan+ hwetee asase so nyinaa, nanso obiara ammisa wɔn ase, na obiara ankɔhwehwɛ wɔn.
7 “‘“Enti mo nnwanhwɛfoɔ, montie Yehowa asɛm, 8 ‘“Sɛ mete aseɛ yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “ɛsiane sɛ me nnwan ayɛ afomdeɛ na nnwanhwɛfoɔ a wɔnnie nti wɔadane wuram mmoa nyinaa aduane, na me nnwanhwɛfoɔ anhwehwɛ wɔn, na mmom wɔdwene wɔn ara wɔn yafunu ho+ na wɔamma me nnwan aduane nti,”’ 9 nnwanhwɛfoɔ ee, montie Yehowa asɛm. 10 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya asɛm,+ na mɛbisa me nnwan afiri wɔn nsam; wɔrenyɛn me nnwan bio,+ na nnwanhwɛfoɔ no renyɛn wɔn ho bio;+ mɛyi me nnwan no afiri wɔn anom na wɔamfa wɔn anyɛ aduane bio.’”+
11 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn.+ 12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan+ a wɔahwete+ da a ɔba wɔn mu no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan. Na mɛyi wɔn afiri baabi a wɔahwete korɔ no nyinaa, mununkum ne esum kabii da no.+ 13 Mɛyi wɔn+ afiri aman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsase so de wɔn aba wɔn asase so.+ Na mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, nsutene ho, asase no so tenabea nyinaa.+ 14 Mɛma wɔn baabi pa adidi na Israel mmepɔ atenten so ayɛ wɔn tenabea.+ Ɛhɔ na wɔbɛnya tenabea pa+ adwodwo wɔn ho na wɔadi aduane pa wɔ Israel mmepɔ soɔ.”
15 “‘“Me ara mɛyɛn me nnwan+ na me ara mama wɔadwodwo wɔn ho,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 “Deɛ wayera no mɛhwehwɛ no,+ deɛ wadwane no mede no bɛba, deɛ wapira no mɛkyekyere ne kuro, na deɛ ɔyareɛ no mɛhyɛ no den. Na deɛ wadɔ sradeɛ+ ne deɛ ne ho yɛ den no deɛ, mɛtwa no afiri hɔ; mede atemmuo bɛyɛn no.”+
17 “‘Na mo a moyɛ me nnwan no deɛ, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Merebu odwan ne odwan ntam atɛn, adwennini ne mpapo ntam atɛn.+ 18 Ɛyɛ ade ketewa sɛ mobɛdidi wɔ adidibea pa+ awie na mode mo nan atiatia aduane a aka no so, anaasɛ mobɛnom nsu korɔgyenn na mode mo nan atiatia deɛ aka no mu asɛe no anaa? 19 Asase a mode mo nan atiatia soɔ na ɛsɛ sɛ me nnwan didi soɔ, anaasɛ nsuo a mode mo nan atiatia mu asɛe no na ɛsɛ sɛ wɔnom?”
20 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn nie: “Hwɛ, me ara mɛbu odwan a wadɔ ne deɛ wafɔn ntam atɛn, 21 ɛfiri sɛ mode mo nkyɛnmu ne mo mmatiri piapiaa wɔn a wɔyareɛ no, na mode mo mmɛn pempem wɔn nyinaa kɔsii sɛ mobɔɔ wɔn hwetee abɔnten.+ 22 Mɛgye me nnwan, na wɔrenyɛ afomdeɛ bio,+ na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn. 23 Na mede odwanhwɛfoɔ+ baako, m’akoa Dawid,+ bɛsi wɔn so na wayɛn wɔn. Ɔno ara bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ.+ 24 Me Yehowa, me ara mɛyɛ wɔn Nyankopɔn+ na m’akoa Dawid ayɛ ɔberempɔn wɔn mu.+ Me Yehowa na maka.
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam+ na mama wuram mmoa bɔne afiri asase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+ 26 Mɛma wɔne nsase a atwa me nkokoɔ ho ahyia nyinaa ayɛ nhyira,+ na mɛma nsuo atɔ ne berɛ mu. Na ɛbɛyɛ nhyira nsuo.+ 27 Na wuram nnua bɛso aba+ na asase abɔ aduane,+ na wɔbɛtena wɔn asase so dwoodwoo.+ Sɛ mebubu wɔn kɔndua+ mu na megye wɔn firi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa. 28 Afei amanaman no remfa wɔn sɛ afomdeɛ bio,+ na asase so aboa biara renkye wɔn nwe. Wɔbɛtena ase dwoodwoo—obiara renyi wɔn hu.+
29 “‘“Na mɛyɛ afuo a ɛbɛyɛ krabɛhwɛ ama wɔn,+ na ɛkɔm rempra wɔn mfiri asase no so bio,+ na amanaman no rengu wɔn anim ase bio.+ 30 ‘Na wɔbɛhunu sɛ me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, meka wɔn ho,+ na me man ne wɔn, Israel fie,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’+
31 “‘Na mo, me nnwan,+ m’adidibea nnwan no deɛ, moyɛ nnipa. Na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”