12 Yehowa bɛbue ɔsoro adekorabea pa ama wo na watɔ nsuo agu w’asase so wɔ ne berɛ mu,+ na ɔbɛhyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Na wobɛnya pii de afɛm aman bebree, na wo deɛ, worenkɔfɛm hwee.+
13 O Yuda ne Israel fie,+ sɛdeɛ moyɛɛ nnome wɔ amanaman mu no,+ saa ara na me nso mɛgye mo na moabɛyɛ nhyira.+ Monnsuro,+ na mmom monyere mo nsam dendeenden.’+
10 Momfa ntotosoɔ du du+ no nyinaa mmra adekoradan mu na aduane ampa me fie.+ Na momfa yei nsɔ me nhwɛ+ sɛ meremmue ɔsoro mpomma+ mma mo na merenhwie nhyira ngu mo so mma no mmu mo so anaa.”+ Asafo Yehowa anom asɛm nie.