Yesaia
33 Wo a wosɛe adeɛ a obiara nsɛee woɔ, due! Wo a wo ne nkurɔfoɔ di no nkontompo so a obiara ne wo nnii no nkontompo soɔ.+ Sɛ wosɛe adeɛ wie pɛ a, wo nso wɔbɛsɛe wo.+ Sɛ wo ne nkurɔfoɔ di no nkontompo so wie pɛ a, wo nso wɔne wo bɛdi no nkontompo so.+
2 O Yehowa, dom yɛn.+ Yɛn ani da wo so.+ Yɛsrɛ wo bɛyɛ yɛn basa+ anɔpa biara,+ yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia berɛ mu.+ 3 Wobobom na nnipa dwane,+ wosɔre gyina na aman hwete.+ 4 Wɔbɛboaboa mo asadeɛ+ ano te sɛ deɛ ntɛfrɛ boaboa nneɛma ano, na wɔbɛtu agu so te sɛ ntutummɛ a wɔatu agu obi soɔ.+ 5 Wɔbɛma Yehowa so,+ ɛfiri sɛ ɔte soro tɔnn.+ Ɔde atɛntenenee ne tenenee bɛhyɛ Sion mã.+ 6 Wo berɛ mu nokorɛdie bɛyɛ nkwagyeɛ+ ahodeɛ, na yei ne nyansa ne nimdeɛ+ ne Yehowa suro,+ na yei nso ne n’ademudeɛ.
7 Hwɛ, wɔn akatakyie su wɔ mmɔnten so, na asomdwoeɛ abɔfoɔ+ bɛsu yayaaya. 8 Atempɔn ada mpan;+ wɔn a wɔfa kwan so to atwa.+ Wabu apam no so,+ wabu nkuro no animtia,+ na ɔmmu ɔdasani biara.+ 9 Asase no redi awerɛhoɔ, aboto.+ Wɔabrɛ Lebanon ase,+ afurofuro. Saron+ ayɛ sɛ serɛ so, na Basan ne Karmel nhahan apo.+
10 Yehowa se: “Afei mɛsɔre;+ afei mɛma me ho so;+ afei mɛpagya me ho.+ 11 Moanyinsɛn serɛ a adwan,+ mobɛwo buronan. Mo honhom te sɛ egya,+ na ɛbɛhye mo.+ 12 Nnipa bɛyɛ sɛ akaadoo a wɔahyeɛ, na wɔde egya bɛto mu te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa agu fam.+ 13 Mmarima a mowɔ akyirikyiri, montie deɛ mɛyɛ!+ Mo a mobɛn, monhunu m’ahoɔden.+ 14 Abɔnefoɔ a wɔwɔ Sion abɔ hu;+ awaefoɔ ho popo biribiri:+ ‘Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi abɛsoɛ gyaframa kɛseɛ no?+ Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi abɛsoɛ egya a ɛrefram daa no?’+
15 “Deɛ ɔnam tenenee kwan so+ daa a ɔka deɛ ɛtene,+ deɛ ɔkyiri apoobɔ sika,+ deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ adanmudeɛ mu,+ deɛ ɔsi n’aso na ante mogyahwieguo, deɛ ɔkata n’ani na anhunu bɔne.+ 16 Ɔno na ɔbɛtena mmepɔ so wɔ sorosoro;+ na ne tenabea bɛyɛ ɔbotan aban a ɛhɔ korɔ yɛ den.+ Wɔde n’aduane bɛma no,+ na ne nsuo rensa da.”+
17 W’ani bɛhunu ɔhene bi n’ahoɔfɛ mu,+ ɛbɛhunu asase bi wɔ akyirikyiri.+ 18 W’akoma bɛdwendwene+ ahudeɛ ho: “Ɔtwerɛfoɔ no wɔ he? Deɛ ɔtua sika no wɔ he?+ Deɛ ɔkan abantenten no wɔ he?”+ 19 Worenhunu ahantanfoɔ biara, ɔman a wɔn kasa mu yɛ duro sɛ wobɛte aseɛ, nnipa a wɔpɔtɔ a wonte wɔn kasa ase.+ 20 Hwɛ Sion,+ yɛn afahyɛ kuro!+ Wode w’ani bɛhunu Yerusalem, asoɛeɛ a ɛhɔ yɛ komm, ntomadan a obiara rentutuo.+ Wɔrentutu ne mpɛɛwa da biara da, na ne homa biara mu rente.+ 21 Na Yehowa, Otumfoɔ no,+ bɛgyina hɔ ama yɛn sɛ bea a nsubɔnten+ ne nsuka akɛseɛ wɔ. Akohyɛn biara rentumi mfa mu, na hyɛn kɛseɛ biara rentumi ntwam wɔ hɔ. 22 Na Yehowa ne yɛn Temmufoɔ,+ Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfoɔ,+ Yehowa ne yɛn Hene;+ ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.+
23 Wo nhoma mu bɛgo; hyɛnnua no rentumi nnyina pintinn; na wɔrentumi ntrɛ mframatoma mu.
Saa berɛ no wɔbɛnya asadeɛ pii akyɛ; na mpakye mpo bɛnya afomdeɛ bebree.+ 24 Na ɔmanfoɔ no mu biara renka sɛ: “Meyare.”+ Wɔde asase no sofoɔ bɔne bɛfiri wɔn.+