Atemmufoɔ
7 Afei Yerubaal+ a wɔsan frɛ no Gideon+ ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa sɔree ntɛm, na wɔkɔkyeree nsraban wɔ Harod abura ho. Saa berɛ yi na Midianfoɔ dɔm nso wɔ n’atifi fam wɔ More kokoɔ ho, asasetamaa no so. 2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho+ aka akyerɛ me sɛ ‘Me ara me nsa na ɛgyee me.’+ 3 Afei frɛ nnipa no na bisa wɔn sɛ, ‘Hwan na ɔsuro na n’akoma atuo? Ɔnsan.’”+ Enti Gideon sɔɔ wɔn hwɛeɛ. Ɛbaa saa no, nnipa mpem aduonu mmienu sanee wɔn akyi maa no kaa nnipa mpem du.
4 Nanso Yehowa san ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔaka yi mpo dɔɔso.+ Ma wɔnkɔ asuo no ho na mensɔ wɔn nhwɛ wɔ hɔ mma wo. Afei sɛ meka kyerɛ wo sɛ, ‘Oyi ne wo bɛkɔ’ a, ɔno na ɔne wo bɛkɔ. Na sɛ meka kyerɛ wo sɛ ‘Oyi ne wo renkɔ’ a, ɔrenkɔ.” 5 Ɛnna ɔde nnipa no kɔɔ asuo no ho.+
Afei Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Obiara a ɔbɛtafere nsuo sɛdeɛ kraman tafere nsuo no, ma no nnyina nkyɛn. Na obiara a ɔbɛbu nkotodwe anom nsuo no nso, yɛ no saa ara.”+ 6 Mmarima a wɔtaferee nsuo wɔn nsam no ano si ahasa. Na wɔn a wɔaka nyinaa buu nkotodwe nom nsuo no.
7 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Mmarima ahasa a wɔnom nsuo wɔ wɔn nsam yi so na menam bɛgye mo, na mede Midian bɛhyɛ mo nsa.+ Ma nnipa a wɔaka no nyinaa nsan nkɔ wɔn afie.” 8 Enti wɔgyee nnipa no nsam nneɛma ne wɔn mmɛn,+ na ɔmaa Israel mmarima no nyinaa kɔɔ wɔn afie. Na mmarima ahasa no deɛ, ɔmaa wɔkaeɛ. Saa berɛ yi na Midianfoɔ gu aseɛ hɔ wɔ asasetamaa no so.+
9 Na anadwo+ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre siane kɔ asraafoɔ asoɛeɛ hɔ na mede ahyɛ wo nsa.+ 10 Na sɛ wosuro sɛ wobɛkɔ a, fa wo somfoɔ Pura ka wo ho kɔ asoɛeɛ hɔ.+ 11 Tie asɛm a wɔbɛka no,+ na akyire yi wo nsa bɛyɛ den+ na woakɔ wɔn so wɔ nsraban no mu.” Enti ɔne ne somfoɔ Pura siane kɔɔ nsraban no nkyɛn baabi, baabi a asraafoɔ a wɔrewɛn asoɛeɛ hɔ no wɔ no.
12 Ná Midianfoɔ ne Amalekfoɔ ne Apueeɛfoɔ+ nyinaa abɛsum asasetamaa no so sɛ ntutummɛ.+ Wɔn yoma+ nni ano; wɔdɔɔso sɛ mpoano anwea. 13 Berɛ a Gideon duruu hɔ no, ɔtee sɛ ɔbarima bi reka ne daeɛ akyerɛ ne yɔnko. Na ɔkaa sɛ: “Mesoo daeɛ bi.+ Na mehunuu sɛ atokoɔ paanoo kurukuruwa bi redanedane ba Midian asoɛeɛ hɔ. Berɛ a ɛbɛduruu ntomadan bi ho no, ɛdanee no butuiɛ,+ na ntomadan no tutu guu hɔ.” 14 Ɛnna ne yɔnko no kaa sɛ:+ “Yei deɛ, ɛnyɛ hwee sɛ Yoas ba Gideon,+ Israelni no, nkrantɛ. Nokorɛ Nyankopɔn+ de Midian ne dɔm no nyinaa ahyɛ ne nsa.”+
15 Berɛ a Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no,+ ɔbɔɔ ne mu ase someeɛ.+ Afei ɔsan baa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ, na ɔkaa sɛ: “Monsɔre,+ na Yehowa de Midian asraafoɔ asoɛeɛ hɔ ahyɛ mo nsa.” 16 Ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu yɛɛ wɔn akuo mmiɛnsa. Na ɔde mmɛn+ ne nhina hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsam. Ná agyatɛnee hyehyɛ nhina no mu. 17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ deɛ mɛyɛ biara na monyɛ bi. Sɛ meduru asoɛeɛ no ano a, biribiara a mɛyɛ no, mo nso monyɛ saa ara. 18 Sɛ me ne wɔn a wɔka me ho no hyɛne mmɛn no a, mo nso monhyɛne mmɛn ntwa asoɛeɛ no ho nhyia,+ na monka sɛ, ‘Yehowa+ ne Gideon dea!’”
19 Afei dasuom*+ no, Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no baa asoɛeɛ no ano. Saa berɛ yi ara na na wɔde awɛmfoɔ akɔgyinagyina wɔn awɛneeɛ. Na wɔfirii aseɛ hyɛnee mmɛn no,+ na wɔbobɔɔ nhina a wɔkurakura no.+ 20 Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee mmɛn+ no na wɔbobɔɔ nhina no. Wɔde agyatɛnee no hyɛɛ wɔn nsa benkum mu, na wɔde mmɛn no hyɛɛ wɔn nsa nifa mu hyɛneeɛ, na wɔteateaam sɛ: “Yehowa+ nkrantɛ ne Gideon deɛ!” 21 Saa berɛ yi nyinaa na obiara gyina n’afã atwa asoɛeɛ no ho ahyia. Na dɔm no nyinaa sɔɔ mmirika mu de nteateamu dwaneeɛ.+ 22 Mmarima ahasa+ no kɔɔ so hyɛnee wɔn mmɛn+ no. Na Yehowa maa obiara a ɔwɔ asoɛeɛ hɔ de ne nkrantɛ kɔɔ ne yɔnko so,+ na dɔm no dwane kɔduruu Bet-Sita wɔ Serera, na wɔkɔeɛ ara kɔduruu Abel-Mehola+ wɔ Tabat ho.
23 Na wɔfrɛfrɛɛ Israel mmarima firii Naftali+ ne Aser+ ne Manase,+ na wɔtĩĩ+ Midianfoɔ no. 24 Gideon tuu abɔfoɔ kɔɔ Efraim+ bepɔ nyinaa so, na ɔkaa sɛ: “Monkɔdi Midianfoɔ anim nsisi asuo no ano akwan nkɔsi Bet-Bara ne Yordan.” Enti wɔfrɛɛ Efraim mmarima nyinaa hyiaeɛ, na wɔkɔsisii asuo+ no ano akwan kɔsii Bet-Bara ne Yordan. 25 Afei wɔkyee Midian akunini mmienu a wɔn din de Oreb ne Seeb,+ na wɔkum Oreb wɔ Oreb botan+ so, na wɔkum Seeb wɔ Seeb nsã-kyi-amena ho. Wɔkɔɔ so ara tĩĩ Midianfoɔ+ no, na wɔde Oreb ne Seeb tiri kɔmaa Gideon wɔ Yordan mpɔtamu hɔ.+