10 Yehowa honhom+ baa ne so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufoɔ. Na berɛ a ɔfirii adi kɔkoeɛ no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na ɔdii Kusan-Risataim so nkonim.+
14 Afei Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: “Sɔre! Ɛnnɛ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ wo nsa. Wonnim sɛ Yehowa adi w’anim dada?”+ Ɛnna Barak de mmarima mpem du dii n’akyi siane firii Bepɔ Tabor soɔ.
8 Etiopiafoɔ+ ne Libiafoɔ+ no, na wɔnyɛ asraafoɔdɔm kɛseɛ paa a wɔwɔ nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ pii anaa?+ Na berɛ a wode wo ho too Yehowa soɔ no, wamfa wɔn anhyɛ wo nsa?+
17 Ɛnyɛ mo na mobɛko.+ Monkɔgyinagyina hɔ, monyɛ komm+ na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa.+ O Yuda ne Yerusalem, monnsuro, na mommmɔ hu.+ Ɔkyena momfiri adi nkɔ wɔn so, na Yehowa bɛdi mo akyi.’”+