Yosua
23 Berɛ a Yehowa maa Israelfoɔ no home+ firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyi nna pii a Yosua mfeɛ akɔ animu na wabɔ akora+ no, 2 Yosua frɛɛ Israelfoɔ nyinaa,+ mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne atemmufoɔ ne atitire,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me deɛ, me mfeɛ akɔ animu na mabɔ akora. 3 Na moahunu deɛ mo nti Yehowa mo Nyankopɔn de yɛɛ aman yi nyinaa;+ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko maa mo.+ 4 Monhwɛ, mebɔɔ ntonto+ kyɛɛ aman a aka yi ne wɔn a metuu wɔn ase+ no nyinaa nsase maa mo mmusua no sɛ agyapadeɛ, ɛfiri Yordan de kɔsi Po Kɛseɛ no ho wɔ atɔeɛ fam.+ 5 Yehowa mo Nyankopɔn na ɔpamoo wɔn firii mo anim,+ na ɔgyee wɔn nsase maa mo tenaa so, sɛdeɛ Yehowa mo Nyankopɔn hyɛɛ mo bɔ no.+
6 “Enti momma mo bo nyɛ duru+ paa na monhwɛ sɛ mobɛdi deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma+ no mu nyinaa soɔ, na mommmane nnkɔ nifa anaa benkum.+ 7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din,+ mommfa wɔn din nnka ntam,+ monnsom wɔn na monnkoto wɔn.+ 8 Yehowa mo Nyankopɔn ho na momfa mo ho mfam,+ sɛdeɛ moayɛ de abɛsi nnɛ yi. 9 Yehowa nso bɛpamo aman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim.+ (Mo deɛ, ɛde bɛsi nnɛ, onipa biara ntumi nnyinaa mo anim.)+ 10 Mo mu baako pɛ bɛtĩ nnipa apem,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn na ɔko ma mo+ sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.+ 11 Monhwɛ+ mo kra so yie daa na monnɔ Yehowa mo Nyankopɔn.+
12 “Na sɛ mosan mo akyi+ de mo ho kɔfam aman a aka+ a mo ne wɔn teɛ yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ+ anaa mo ne wɔn di hwebom a, 13 ɛnneɛ monhyɛ no nso sɛ Yehowa mo Nyankopɔn renkɔ so mpamo aman yi mfiri mo anim.+ Na wɔbɛdane fidie ama mo na wɔabɛyɛ mpire wɔ mo akyi+ ne nkasɛɛ wɔ mo aniwa mu akɔsi sɛ mo ase bɛtɔre afiri asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.+
14 “Ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan,+ na monim mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm baako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; baako mpo ntɔɔ fam.+ 15 Na monhunu sɛ sɛdeɛ asɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no nyinaa aba mu no,+ saa ara na Yehowa de nnome no nyinaa bɛba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ,+ 16 ɛfiri sɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforɔ akɔkoto wɔn.+ Na Yehowa abufuo bɛdɛre atia mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahye koraa afiri asase pa a ɔde ama mo yi so.”+