Yesaia
58 “Team dendeenden; ntwentwɛn wo nan ase.+ Ma wo nne nnyegye sɛ abɛn na ka me man atuateɛ kyerɛ wɔn,+ na ka Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn. 2 Nanso wɔhwehwɛ me daa, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan+ te sɛ ɔman a wɔdi asɛntenenee, ɔman a wɔmpoo wɔn Nyankopɔn atɛntenenee;+ na wɔbisa atɛntenenee firi me nkyɛn, na wɔtwe bɛn Onyankopɔn a wɔn ani gye ne ho no.+
3 “Na wɔbisa sɛ: ‘Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu,+ na yɛn kra di awerɛhoɔ+ na ɛmfa wo ho yi?’+
“Da a moredi mmuada no mogyee mo ani, na mopiapiaa mo adwumayɛfoɔ nyinaa kɔyɛɛ adwuma.+ 4 Ntɔkwa ne aperepereɛ nti na modii mmuada,+ na mobɔɔ akuturuku atirimuɔden so.+ Moanni mmuada ansusu sɛ ɛyɛ da a wɔbɛte mo nne wɔ soro anaa? 5 Sei na ɛsɛ sɛ mmuadadie a makyerɛ no yɛ? Ɛsɛ sɛ ɛyɛ da a ɔdasani ma ne kra di awerɛhoɔ?+ Ɛsɛ sɛ ɔsi ne tiri ase sɛ demmire, na ɔtrɛ atweaatam mu de nsõ yɛ ne mpa anaa?+ Enti yei na mofrɛ no mmuadadie ne da a Yehowa ani sɔ no?+
6 “Ɛnyɛ yei ne mmuadadie a makyerɛ? Sɛ mobɛsanesane amumuyɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn,+ na moayi kɔndua ahoma,+ na moama wɔn a wɔteetee wɔn no ade wɔn ho,+ na moabubu kɔndua nyinaa mu?+ 7 Ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛkyɛ w’aduane mu ama deɛ ɛkɔm de no,+ na wode ahiafoɔ a wɔnni baabi teɛ akɔ wo fie?+ Na ɛnyɛ ɛno ne sɛ wobɛhunu obi a ɔda adagya na woakata ne ho,+ na womfa wo ho nhunta wo nua?+
8 “Ɛba saa a, wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ,+ na akwahosan bɛfifi ama wo ntɛm.+ Wo tenenee bɛdi w’anim+ na Yehowa animuonyam abɔ wo kyidɔm.+ 9 Afei wobɛfrɛ na Yehowa no ara bɛgye so; wobɛsu afrɛ no,+ na ɔbɛka sɛ, ‘Menie!’
“Sɛ wobɛyi kɔndua afiri wo mu,+ na woagyae wo nsa a wode kyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ soɔ+ ne kasatia,+ 10 na wode deɛ wo kɔn dɔ ma deɛ ɛkɔm de no,+ na woma deɛ ne kra werɛ ahoɔ mee a, wo hann bɛhyerɛn sum mu na wo sum kabii adane awia ketee.+ 11 Ɛbɛma Yehowa adi w’anim+ daa,+ na ɔbɛma wo kra amee wɔ asase kesee so+ na wama wo nnompe mu ayɛ den;+ wobɛyɛ sɛ turo a nsuo sene mu,+ te sɛ asutire a emu nsuo nni hwammɔ. 12 Wo nti nnipa bɛkyekyere tete amamfõ;+ wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa fapem so.+ Na wɔbɛfrɛ wo deɛ ɔyɛ akwan yie,+ deɛ ɔsiesie akwan ma wɔtena hɔ.
13 “Sɛ homeda nti wosan w’akyi na woanyɛ deɛ wopɛ me da kronkron no,+ na wofrɛ homeda ahurisidie, Yehowa da kronkron, deɛ wɔahyɛ no animuonyam,+ na wohyɛ no animuonyam na woamfa wo ara w’akwan so, anyɛ deɛ ɛsɔ w’ani ankeka nsɛnhunu a, 14 ɛnneɛ wobɛdi ahurisie Yehowa mu,+ na mɛma woafa mmepɔ ne nkokoɔ so.+ Na wobɛdi wo nana Yakob agyapadeɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa no ara ano na aka.”+