2 Berɛsosɛm
14 Na Abia ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu, na ne ba Asa+ bɛdii n’adeɛ. Ne nna mu no, asase no nyaa asomdwoeɛ+ mfeɛ du.
2 Asa yɛɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene Yehowa, ne Nyankopɔn ani soɔ. 3 Ɔyiyii ananafoɔ afɔrebukyia+ ne sorɔnsorɔmmea+ no firii hɔ, na ɔbubuu abosom adum+ twitwaa abosonnua+ no guiɛ. 4 Afei ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ wɔnhwehwɛ+ Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔnni ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛdeɛ+ so. 5 Na ɔyiyii sorɔnsorɔmmea ne aduhwam adeɛ+ no firii Yuda nkuro nyinaa mu, na asomdwoeɛ+ baa ahennie no mu wɔ ne berɛ so. 6 Ɛnna ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den wɔ Yuda,+ ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ ɔman no mu. Obiara ne no ammɛdi ako mfeɛ no mu; Yehowa maa no nyaa home.+ 7 Enti ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Momma yɛnkyekyere nkuro yi na yɛnto afasuo+ ne aban+ wɔ ho nhyia, na yɛnyɛ aponkɛseɛ ne mmeamu.+ Asase no da hɔ ma yɛn, ɛfiri sɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn.+ Yɛahwehwɛ no nti, wama yɛanya home afã nyinaa ahyia.”+ Ɛnna wɔkyekyereeɛ, na ɛsii wɔn yie.+
8 Asa nyaa asraafoɔdɔm a wɔfiri Yuda a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ+ ne mpea,+ nnipa mpem ahasa.+ Benyamin mu nso, ɔnyaa nnipa mpem ahanu aduɔwɔtwe+ a wɔkurakura nkataboɔ na wɔnim agyan+ toɔ. Wɔn nyinaa yɛ mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den.
9 Akyire yi, Etiopiani+ Sera de asraafoɔdɔm ɔpepem baako+ ne nteaseɛnam ahasa baa wɔn so, na wɔbaeɛ ara bɛduruu Maresa.+ 10 Ɛnna Asa firii adi kɔhyiaa no, na wɔkɔtwaa mpasua, Sefata Bɔn no mu, wɔ Maresa. 11 Na Asa su frɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn+ sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wɔnni ahoɔden.+ O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo so na yɛde yɛn ani atoɔ;+ wo din mu+ na yɛaba saa dɔm yi soɔ. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn.+ Mma nipa dasani nnni wo so nkonim.”+
12 Enti Yehowa dii Etiopiafoɔ so nkonim+ wɔ Asa ne Yuda anim, na Etiopiafoɔ no dwaneeɛ. 13 Ɛnna Asa ne nnipa a wɔka ne ho no tĩĩ wɔn kɔduruu Gerar,+ na Etiopiafoɔ no totɔeɛ ara kɔsii sɛ wɔn nyinaa wuwuiɛ. Wɔyɛɛ wɔn pasaa Yehowa+ ne n’asafo+ no anim. Afei wɔfaa asadeɛ bebree pa.+ 14 Bio nso, wɔbutuu nkuro a atwa Gerar ho ahyia no nyinaa, ɛfiri sɛ Yehowa ho hu+ tɔɔ wɔn so; wɔfaa nkuro no nyinaa mu nneɛma ɛfiri sɛ na asadeɛ pii wɔ mu.+ 15 Wɔbutuu mmoahwɛfoɔ ntomadan+ nso, enti wɔnyaa+ nnwan pii ne yoma,+ na wɔsan baa Yerusalem.