Luka
23 Enti nnipadɔm no nyinaa sɔreeɛ, na wɔde no kɔmaa Pilato.+ 2 Afei wɔfirii aseɛ bɔɔ no soboɔ+ sɛ: “Yɛakye ɔbarima yi sɛ ɔtutu yɛn man ase+ na ɔbara sɛ wɔnntua toɔ+ mmma Kaesare na ɔka sɛ ɔno ne ɔhene Kristo.”+ 3 Afei Pilato bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ hene no anaa?” Na ɔbuaa no kaa sɛ: “Wo ara na woreka.”+ 4 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne nnipakuo no sɛ: “Menhunu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.”+ 5 Nanso wɔkaa no dendeenden sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de hwanyan nnipa no, ɔfirii aseɛ mpo firii Galilea na ɔde abɛduru ha.” 6 Berɛ a Pilato tee saa no, ɔbisaa sɛ ɔbarima no yɛ Galileani a, 7 na ɔhunuu sɛ ɔhyɛ Herode tumi ase+ no, ɔmaa wɔde no kɔmaa Herode a nna no mu na ɔno ara nso wɔ Yerusalem no.
8 Berɛ a Herode hunuu Yesu no n’ani gyee yie, ɛfiri sɛ na ɔpɛɛ sɛ ɔhu+ no akyɛ ɛsiane ne ho asɛm a wateɛ+ nti, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛnkyerɛnne bi ma no hunu. 9 Afei ɔfirii aseɛ bisaa no nsɛm bebree; nanso wammua no.+ 10 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne atwerɛfoɔ no kɔɔ so sɔre gyinaeɛ de abufuo bɔɔ no soboɔ.+ 11 Ɛnna Herode ne n’asraafoɔ a wɔwɛn no no bɔɔ no adapaa,+ na wɔhyɛɛ no atadeɛ hyɛnhyɛn dii ne ho agorɔ,+ na wɔsan de no kɔmaa Pilato. 12 Afei Herode ne Pilato+ bɛyɛɛ nnamfoɔ saa da no ara; kane no, na anka wɔyɛ atamfo.
13 Afei Pilato frɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne sodifoɔ no ne ɔmanfoɔ no hyiaam 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mode onipa yi brɛɛ me sɛ obi a ɔma nkurɔfoɔ no te atua, na hwɛ! mehwehwɛɛ n’asɛm mu mo anim nanso manhunu nnyinasoɔ+ biara wɔ deɛ mode bɔɔ onipa yi soboɔ no mu. 15 Nokorɛm no, Herode nso anhunu bi, na ɔsan de no brɛɛ yɛn; na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owuo.+ 16 Enti mɛtwe n’aso+ na magyaa no.” 17 —— 18 Na nnipadɔm no nyinaa teaam kaa sɛ: “Fa oyi kɔ,+ na gyaa Baraba ma yɛn!”+ 19 (Ná ɔyɛ ɔbarima a wɔde no ato afiase ɛsiane amammɔsɛm bi a ɛsii kuro no mu ne awudie nti.) 20 Pilato maa ne nne so ne wɔn kasaa bio, ɛfiri sɛ na ɔpɛ sɛ ɔgyaa Yesu.+ 21 Na wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”+ 22 Ɔka kyerɛɛ wɔn ne mprɛnsa soɔ sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na onipa yi ayɛ? Menhunu biribiara wɔ ne ho a ɛsɛ owuo; enti mɛtwe n’aso na magyaa no.”+ 23 Afei wɔde nne kɛseɛ kaa no dendeenden sɛ ɔmmɔ no asɛndua mu; na wɔn nne bunkam ne deɛ so.+ 24 Enti Pilato buu atɛn sɛdeɛ wɔhwehwɛ;+ 25 ɔyii+ ɔbarima a amammɔsɛm ne awudie nti wɔde no ato afiase a wɔrehwehwɛ no no, na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ.+
26 Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon, Kireneni bi a ɔnam kwan so reba kurom hɔ mu, na wɔde asɛndua no soaa no dii Yesu akyi.+ 27 Ná dɔm kɛseɛ bi a wɔfiri ɔman no mu ne mmaa a wɔde awerɛhoɔ repempem wɔn koko na wɔrebɔ bena di n’akyi. 28 Yesu danee ne ho kyerɛɛ mmaa no kaa sɛ: “Yerusalem mma mmaa, monnsu me. Na mmom monsu mo ho ne mo mma;+ 29 ɛfiri sɛ, hwɛ! nna bi reba a nkurɔfoɔ bɛka sɛ, ‘Anigyeɛ ne abonini ne yafunu a anwoɔ ne nufoɔ a wɔannom ano!’+ 30 Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’ ne nkokoɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’+ 31 Ɛfiri sɛ berɛ a dua no yɛ dua mono no na wɔreyɛ yei a, ɛnneɛ sɛ ɛwu a ɛdeɛn na ɛbɛsie?”+
32 Ná wɔde mmarima mmienu bi a wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ nso aka ne ho a wɔrekɔku wɔn.+ 33 Berɛ a wɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikoraa no,+ wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ no asɛndua mu wɔ hɔ, baako wɔ ne nifa na baako wɔ ne benkum.+ 34 [[Na Yesu kaa sɛ: “Agya fa firi+ wɔn ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ wɔreyɛ.”]] Bio nso, wɔbɔɔ ntonto kyɛɛ ne ntadeɛ.+ 35 Na nkurɔfoɔ no gyina hwɛeɛ.+ Na atumfoɔ no dii ne ho agorɔ kaa sɛ: “Ɔgyee afoforɔ; sɛ oyi ne Kristo a ɔfiri Onyankopɔn, Deɛ Wɔayi no no a,+ ma ɔnnye+ ne ho.” 36 Asraafoɔ no mpo dii ne ho agorɔ,+ na wɔbaa ne nkyɛn de nsã nyinyanyinya maa no+ 37 kaa sɛ: “Sɛ wone Yudafoɔ hene no a, gye wo ho.” 38 Wɔde ntwerɛdeɛ bi nso bɔɔ n’atifi sɛ: “Oyi ne Yudafoɔ hene no.”+
39 Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛn wɔn no baako firii aseɛ kasa tiaa+ no sɛ: “Wone Kristo no, anaa ɛnyɛ wo a? Gye wo ho ne yɛn.” 40 Na deɛ ɔka ho no buaa no kaa n’anim sɛ: “Enti wonsuro Nyankopɔn koraa berɛ a seesei wowɔ atemmuo korɔ no ara mu yi?+ 41 Yɛn deɛ, ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛyɛeɛ so akatua na yɛn nsa aka yi; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ biribiara a ɛmfa kwan mu.”+ 42 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahennie mu a, kae me.”+ 43 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mese wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho+ wɔ Paradise.”+
44 Ɛfiri dɔn a ɛtɔ so nsia* rekorɔ no, esum duruu asase so nyinaa kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron,*+ 45 ɛfiri sɛ awia ammɔ; afei kronkronbea hɔ ntwamutam+ no mu suanee wɔ mfimfini.+ 46 Na Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”+ Ɔkaa yei no ɔgyaa mu.+ 47 Deɛ ɔsraani panin no hunuiɛ nti, ɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Ampa, na ɔbarima yi yɛ teneneeni.”+ 48 Na berɛ a nnipakuo a wɔahyiam rehwɛ deɛ ɛrekɔ soɔ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔfirii aseɛ bobɔɔ wɔn kokom firii hɔ kɔeɛ. 49 Bio nso, na wɔn a wɔnim no no nyinaa gyinagyina akyiri.+ Ná mmaa a wɔdii n’akyi firii Galilea no nso gyinagyina hɔ rehwɛ yeinom.+
50 Na hwɛ! ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef, Badwa no muni a ɔyɛ onipa pa na ɔtene+— 51 saa ɔbarima yi ampene pɔ a wɔbɔeɛ ne wɔn adeyɛ no so+—ná ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na na ɔretwɛn Onyankopɔn ahennie;+ 52 saa ɔbarima yi kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu.+ 53 Na ɔyii+ no de nwera pa kyekyeree no, na ɔde no too ɛda+ a wɔatwa wɔ ɔbotan mu a onipa biara nnaa mu da mu.+ 54 Afei na ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na homeda+ hann no reba. 55 Na mmaa a wɔne no firi Galilea baeɛ no dii akyire kɔhwɛɛ ɛda+ no ne sɛdeɛ wɔde n’amu no too mu;+ 56 na wɔsan kɔsiesiee aduhwam ne ngo hwamhwam.+ Nanso wɔhomee homeda+ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ.