Hesekiel
36 “Onipa ba, hyɛ Israel mmepɔ ho nkɔm na ka sɛ, ‘O Israel mmepɔ,+ montie Yehowa asɛm. 2 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɔtamfo no dii mo ho fɛ sɛ,+ ‘Ahaa! Tete nkokoɔ+ no abɛyɛ yɛn dea!’”’+
3 “Yei nti hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ wɔasɛe mo,+ na wɔabuma mo wɔ afã nyinaa,+ na aman a aka no afa mo sɛ wɔn agyapadeɛ,+ na daa moda wɔn kɛtrɛma soɔ,+ na nnipa ka mo ho nsɛmmɔne+ nti, 4 O Israel mmepɔ,+ montie Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm! Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsutene ne abɔn ne mmeaeɛ a asɛe adane amamfõ+ ne nkuro a ɛda mpan a ayɛ afomdeɛ a aman a atwa ahyia di ho fɛ no nie;+ 5 enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘M’anibereɛ gya mu na mɛkasa+ atia aman a aka ne Edom nyinaa,+ aman a mmoa adidibea ne afomdeɛ nti, wɔde akomam ahurisie+ ne ɔkra mu animtiabuo+ afa m’asase no.’”’+
6 “Enti hyɛ Israel asase ho nkɔm na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnten ne abɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, m’anibereɛ ne m’abufuo mu na mɛkasa, ɛfiri sɛ amanaman no agu mo anim ase.”’+
7 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mama me nsa so aka ntam+ sɛ aman a atwa mo ho ahyia no ara bɛsoa wɔn animguaseɛ.+ 8 Mo Israel mmepɔ deɛ, mobɛyiyi mman na moaso aba ama me man Israel+ ɛfiri sɛ wɔn ba abɛn.+ 9 Hwɛ, megyina mo akyi, na mɛdane m’ani akyerɛ mo,+ na wɔbɛdɔ mo adua mo so aba.+ 10 Mɛma moanya nnipa pii, Israel fie mũ no nyinaa,+ na nnipa bɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere mmeaeɛ a adane amamfõ no.+ 11 Ampa ara, mɛma moanya nnipa ne mmoa+ pii na wɔadɔ ayɛ bebree, na mɛma nnipa abɛtena mo mu sɛ kane no,+ na me ne mo bɛdi no yie asene kane no.+ Na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 12 Mɛma nnipa anante mo so, me man Israel mpo, na wɔbɛfa mo+ ayɛ wɔn agyapadeɛ.+ Na morenkunkum+ wɔn mma bio.’”
13 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ yeinom ka kyerɛ mo sɛ: “Wo deɛ, womemene nnipa na wokunkum wo man mu mmɔfra”+ nti,’ 14 ‘worenwe nnipa+ bio na worenkunkum wo man mu mmɔfra bio,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 15 ‘Na meremma amanaman no nkeka nsɛm ngu w’anim ase bio,+ na aman remmɔ wo ahohora bio,+ na worento wo man suntidua bio.’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
16 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 17 “Onipa ba, berɛ a Israel fie te wɔn asase soɔ no, wɔde wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fĩ.+ Wɔn akwan te sɛ brayɛ mu fĩ pɔtɔɔ wɔ m’ani so.+ 18 Mogya a wɔhwie guu asase no so ne abosom fĩ a wɔde guu asase no ho fĩ nti,+ mehwiee m’abufuo guu wɔn so.+ 19 Mebɔɔ wɔn hwetee aman so, na wɔpansam nsase so.+ Na mebuu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn akwan ne wɔn nneyɛɛ teɛ.+ 20 Na berɛ a wɔkɔɔ aman no soɔ no, nkurɔfoɔ bɔɔ me din kronkron no ahohora+ kaa sɛ, ‘Yehowa nkurɔfoɔ nie, nanso wɔafiri n’asase so kɔ.’+ 21 Na mɛte nka ama me din kronkron a Israel fie guu ho fĩ berɛ a wɔkɔɔ amanaman soɔ no.”+
22 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ yei, na mmom me din kronkron a moguu ho fĩ berɛ a mokɔɔ amanaman no soɔ no ntira.”’+ 23 Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Mɛte me din kɛseɛ+ a wɔguu ho fĩ wɔ amanaman mu, edin a moguu ho fĩ wɔ wɔn mfimfini no ho, na sɛ amanaman no hunu sɛ mate me din ho wɔ mo mu a,+ wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 24 Na mɛyi mo afiri aman so na maboaboa mo ano afiri nsase nyinaa so de mo aba mo asase so.+ 25 Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so ama mo ho ate.+ Mɛte mo ho afiri mo fĩ+ ne mo abosom fĩ nyinaa ho.+ 26 Mɛma mo akoma foforɔ+ na mede honhom foforɔ ahyɛ mo mu,+ na mɛyi ɛboɔ akoma afiri mo honam mu na mama mo akoma a ɛyɛ mmerɛ.+ 27 Mede me honhom bɛhyɛ mo mu,+ na mɛma moanante m’ahyɛdeɛ mu+ na moadi m’atemmusɛm so.+ 28 Na mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so,+ na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn.’+
29 “‘Mɛyi mo afiri mo fĩ+ nyinaa mu na mama aburoo abu so, na meremma monhunu ɛkɔm bio.+ 30 Mɛma nnua so aba ne afuo mu nnɔbaeɛ abu so, na ɛkɔm nti mo anim angu ase bio wɔ amanaman no mu.+ 31 Afei mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛntene nyinaa.+ Na mo bɔne ne mo akyiwadeɛ nti, mo ara mo ho bɛyɛ mo abofono.+ 32 Monhunu sɛ ɛnyɛ mo nti na mereyɛ yei.+ O Israel fie, momma mo ani nwu na mo anim ngu ase, mo akwan nti,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
33 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne nyinaa ho no, mɛma nnipa abɛtenatena nkuro no mu,+ na wɔbɛsan akyekyere mmeaeɛ a adane amamfõ no.+ 34 Na asase a asɛe a obiara a ɔretwam ani tua sɛ asɛe pasaa no, wɔbɛsan adɔ.+ 35 Na nkurɔfoɔ bɛka sɛ: “Asase a na asɛe pasaa no abɛyɛ sɛ Eden turo,+ na nkuro a asɛe adane amamfõ a ɛdwiri guiɛ no, wɔato ho ɔfasuo, na nnipa abɛtena mu.”+ 36 Na aman a ɛbɛka wɔ mo ho nyinaa no bɛhunu sɛ me Yehowa na mato deɛ wɔdwiri guiɛ no+ na madua asase a asɛe no so nneɛma. Me Yehowa na maka na mayɛ nso.’+
37 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Deɛ mɛma Israel fie abisa afiri me hɔ bio na mayɛ ama wɔn nie:+ Mɛma wɔn ho nnipa adɔɔso sɛ nnwankuo.+ 38 Wɔbɛyɛ sɛ akronkronfoɔ dɔm, te sɛ Yerusalem nnwankuo wɔ afahyɛ berɛ mu.+ Enti nnipadɔm bɛhyɛ nkuro a asɛe no mu mã.+ Na nnipa bɛhunu sɛ mene Yehowa.’”