1 Samuel
22 Enti Dawid firii hɔ,+ na ɔdwane+ kɔɔ Adulam+ bodan+ no mu, na ne nuanom ne ne papa fie nyinaa teeɛ, na wɔsiane kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. 2 Na mmarima a wɔn ho akyere+ wɔn nyinaa ne wɔn a wɔdede aka+ nyinaa ne wɔn a nsɛm ahyɛ wɔn soɔ+ nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ ne nkyɛn,+ na ɔyɛɛ wɔn so panin.+ Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔkɔkaa ne ho.
3 Akyire yi, Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab+ hene sɛ: “Mesrɛ wo, ma me papa ne me maame+ mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me.” 4 Enti ɔde wɔn tenaa Moab hene nkyɛn, na wɔne no tenaeɛ, nna a Dawid dii no baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den+ no nyinaa.
5 Ɛnna odiyifoɔ Gad+ ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Nkɔ so ntena baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den no. Firi hɔ na kɔ Yuda asase so.”+ Enti Dawid siim kɔɔ Heret kwaeɛ mu.
6 Na Saul tee sɛ wɔahunu baabi a Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ. Ná Saul te Gibea, tamarisk+ dua no ase wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ kura ne pea+ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho. 7 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Mo Benyaminfoɔ, montie ɛ. Yese ba+ no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo anaa?+ Ɔbɛyɛ mo nyinaa apem apem so ahwɛfoɔ+ ne ɔha ha so ahwɛfoɔ anaa? 8 Mo nyinaa moabɔ me ho pɔ. Me ara me ba ne Yese ba no ayɛ apam,+ na obiara anyi me asotire,+ na obiara nni hɔ a ɔdwene me ho a ɔbɛyi me asotire sɛ me ara me ba ama m’akoa so atia me ama no akɔtɛ me nnɛ a merekasa yi.”
9 Ɛnna Edomni Doeg+ a wɔde no asi Saul nkoa soɔ no buaa sɛ: “Mehunuu sɛ Yese ba no baa Ahitab+ ba Ahimelek+ nkyɛn wɔ Nob. 10 Ɔbisaa+ Yehowa maa no, na ɔmaa no aduane,+ na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ+ maa no.” 11 Ɛhɔ ara na ɔhene somaa sɛ wɔnkɔfrɛ Ahitab ba ɔsɔfoɔ Ahimelek mmra, ɔne ne papa fie nyinaa, asɔfoɔ a wɔwɔ Nob+ no. Enti wɔn nyinaa baa ɔhene anim.
12 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Ahitab ba, mesrɛ wo tie!” Na ɔkaa sɛ: “Menie, me wura.” 13 Na Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Adɛn nti na moabɔ me ho pɔ,+ wo ne Yese ba no, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre ntɛ me nnɛ a merekasa yi?”+ 14 Ɛnna Ahimelek buaa ɔhene sɛ: “Wo nkoa nyinaa mu no, hwan na ɔte sɛ Dawid,+ ɔnokwafoɔ+ a ɔyɛ ɔhene ase+ ne w’awɛmfoɔ so panin a wɔdi no ni wo fie?+ 15 Ɛnnɛ na merefiri aseɛ abisa+ Onyankopɔn ama no anaa? Ɛmpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa ne me papa fie nyinaa so, na yei nyinaa, ketewaa oo, kɛseɛ oo, w’akoa nnim ho hwee.”+
16 Nanso ɔhene kaa sɛ: “Ahimelek, owuo na wobɛwuo,+ wo ne wo papa fie nyinaa.”+ 17 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ ammirikatufoɔ+ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: “Monnane mo ho nkunkum Yehowa asɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔne Dawid adi nsawɔsoɔ; wɔhunuu sɛ ɔredwane nanso wɔanyi me asotire!”+ Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka Yehowa asɔfoɔ no to hyɛ wɔn soɔ.+ 18 Afei ɔhene ka kyerɛɛ Doeg+ sɛ: “Dane wo ho na to hyɛ asɔfoɔ no so!” Ɛhɔ ara na Edomni+ Doeg danee ne ho to hyɛɛ asɔfoɔ no soɔ. Ɛda no, ɔkunkum+ mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyehyɛ nwera asɔfotadeɛ.+ 19 Asɔfoɔ no kuro Nob+ mpo, ɔde nkrantɛ kunkum emu nnipa; ɔde nkrantɛ kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan.
20 Nanso Ahitab ba Ahimelek ba baako a wɔfrɛ no Abiatar+ nyaa ne ho tetee, na ɔdwane kɔdii Dawid akyi. 21 Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Saul akunkum Yehowa asɔfoɔ no.” 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: “Ɛda no,+ na Edomni Doeg wɔ hɔ, enti na menim sɛ sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɔbɛka akyerɛ Saul.+ Me na mayɛ wo papa fie akra nyinaa bɔne. 23 Wo deɛ, tena me nkyɛn. Nsuro, na obiara a ɔhwehwɛ me kra no hwehwɛ wo nso wo kra, na wohia sɛ mebɔ wo ho ban.”+